Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 16:4 - Apam Foforɔ

4 Na maaka yei nyinaa akyerɛ ho na saa berɛ he duru a, hoakae sɛ maaka akyerɛ ho dada. “Na manka saa nsɛm yi ankyerɛ ho mfitiaseɛ he, efiri sɛ na meya ho nkyɛne.

Gade chapit la Kopi




Yohane 16:4
15 Referans Kwoze  

Afei maka akyerɛ ho ansa na aba mu, na sɛ onya ba mu a hoagye adi.


Nso honyɛ krado; maadi kane aka ne nyinaa akyerɛ ho.


Afei meeka akyerɛ ho nnɛ ansa na aba, sɛnea ɔbɛyɛ na sɛ onya ba a, hobɛgye adi sɛ mene no.


Na Yesu ka kyerɛ bɛ sɛ, “Ayefohyia he ahɔhoɔ ntumi nni awerɛhoɔ berɛ a ayefokunu he ya bɛnkyɛne, ɔnte saa? Nna bi bɛba a bɛbɛfa ayefokunu he afiri bɛnkyɛne, na afei bɛbɛkyene kɔm.


Yesu bisaa bɛ sɛ, “Nnipa a bɛkɔ ayefohyia ntumi nkyene kɔm berɛ a ayefokunu he ya bɛ nkyɛne, ɔnte saa’? Mmerɛ tentene a ayefokunu he ne bɛya hɔ he, ɔnsɛ sɛ bɛkyene kɔm.


Honhyɛ no nso sɛ maaka akyerɛ ho dada.


Menim sɛ ɔnnkyɛre biaa na matoa nananom nseɛdo sɛnea yɛ Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me he.


Na m’ankasa mɛkyerɛ no amaneɛ a otwa sɛ ɔba no so ɔnam me dini nti.”


Sɛ hokɔ a, hompae mu nka asɛmpa he sɛ, ‘Soro ahennie he abɛne.’


sɛnea bɛ a befiri mfitiaseɛ de bɛ ani huiɛ na bɛyɛɛ asɛm he ho asomfoɔ he de abra yɛ he nti,


Honkae sɛ mekaa nsɛm yeinom kyerɛɛ ho berɛ a na meya honkyɛne he?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite