Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 16:25 - Apam Foforɔ

25 “Menam mfantoho so aka yeinom akyerɛ ho. Berɛ he ɔɔba a memmfa mfantoho ne bɛkasa ho ho bio, na mmom mɛka Agya he ho asɛm akyerɛ ho pefee.

Gade chapit la Kopi




Yohane 16:25
19 Referans Kwoze  

“Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛɛ ho, nso hontumi nnye ne nyinaa seesei.


Yesu kaa saa kasakoa yi kyerɛɛ bɛ, nso bɛante nea na ɔɔka kyerɛ bɛ he ase.


Na obisaa bɛ sɛ, “Honnte mfantoho yi ase? Na ɔbɛyɛ na ho ate mfantoho a aka he nyinaa ase.


Yɛatwe yɛ ho afiri sum ase nnoɔma a ɔyɛ aniwuo he ho; yɛmma nnaadaa mma yɛ akwane mu; saa ara nso ne yɛmfra Nyankopɔn asɛm mu; na mmom yɛda nɔkorɛ he adi de di yɛ ho adanseɛ kyerɛ nnipa nyinaa ahonim ya Nyankopɔn anim.


Bɛbɛpam ho afiri hyia adane mu. Nɔkwasɛm ne sɛ, berɛ bi ɔɔba a biaa a obeku ho he bɛdwene sɛ ɔɔyɔ saa Nyankopɔn dini mu.


Wankasa ankyerɛ bɛ a na mfantoho nka ho; na ɔka ɔne n’asuafoɔ he nkoaa a, ɔkyerɛkyerɛ bibiaa mu kyerɛ bɛ.


Ɔkaa yeinom nyinaa maa mu daa hɔ pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛne, na ɔhyɛɛ aseɛ kaa n’anim.


Nti Yudafoɔ he twa hyiaa ne ho bisaa no sɛ, “Wobɛma yɛatwɛne akosi da bɛ? Sɛ wone Kristo he a, pae mu ka kyerɛɛ yɛ pefee.”


Berɛ he ɔɔba, na anya aba awie sɛ ho nyinaa hobɛhwete akɔ ho nkurom, na hoagya me nkoaa. Nso ɔnka me nkoaa efiri sɛ Agya he ka me ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite