Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 15:7 - Apam Foforɔ

7 Sɛ hotena me mu na me nsɛm tena ho mu a, hommisa bibiaa a hopɛ na ɔbɛyɛ hɔ ama ho.

Gade chapit la Kopi




Yohane 15:7
24 Referans Kwoze  

Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛne ne sɛ, yɛsrɛ bibiaa sɛdeɛ ɔpɛ a, ootie yɛ.


Na bibiaa a hobɛsrɛ me dini mu he ɔno ne mɛyɔ na Agya he anya animuonyam Ba he mu.


Bibiaa a yebisa no he, yɛ nsa ka efiri sɛ, yedi ne mmara so na yɛyɔ nea ɔsɔ n’ani.


Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.


Hommisa, na bɛde bɛma ho; honhwehwɛ, na hobehu; hommom, na bebebie pono he ama ho.


Saa da he, hommmisa me asɛm biaa. Nɔkwasɛm paa ne meeka akyerɛ ho sɛ, hobisa bibiaa firi Agya he hɔ ya me dini mu a, ɔde bɛma ho.


Hontena Honhom mu, nea meeka ne sɛ, honnnyɔ nea honam pɛ.


Na ho deɛ, ngosra a honyaa no ne nsa mu he te ho mu, nti onhia ho sɛ bi kyerɛkyerɛ ho; na mmom nea ngosra heaa kyerɛkyerɛ ho afa adeɛ nyinaa ho he, hontena deɛ wasra ho ngo he mu. Na nea wakyerɛkyerɛ ho he yɛ nɔkorɛ, na ɔnyɛ torɔ!


Agyanom, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim nea ɔte ase firi mfitiaseɛ he. Mmabunu, meetwerɛ abrɛ ho, efiri sɛ, howɔ nwentaasoɔ. Nyankopɔn asɛm he te ho mu na hoadi bɔnefoɔ he so nkunim.


Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.


Menim sɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, nso hopɛ sɛ hoku me, efiri sɛ m’asɛm nsene ho mu.


nso ɔbɛkɔ so ahyɛ wɛmfoɔ ne hwɛsofoɔ ase kosi da a ne papa he ahyɛ ato hɔ sɛ abɔfra he ɔntena wɛmfoɔ ne hwɛsofoɔ he nane ase bio.


Na afei Yesu ka kyerɛɛ Yudafoɔ a bɛagye adi he sɛ, “Sɛ hotena m’asɛm mu a, hoyɛ m’asuafoɔ ampa;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite