Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 15:5 - Apam Foforɔ

5 Mene bobe he, ho ne mmane he. Nea ɔtena me mu na me nso metena ne mu he, ɔsõ aba bebree; na ho kwati me a hontumi nyɔ hwee.

Gade chapit la Kopi




Yohane 15:5
28 Referans Kwoze  

Metumi fa tebea biaa mu, deɛ ɔhyɛ me dene he nti.


na hoabɔ bra a ɔfata Awurade, a ɔsɔ n’ani koraa, berɛ a hooso aba nnwuma pa nyinaa mu, na ho akɔ so anya Nyankopɔn ho nimdeɛ pii nso.


Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.


Nso Honhom aba he deɛ, ɔno ne dɔ, anigyeɛ, asomdwie, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɔ, gyidie,


Na yentumi nyɔ hwee ntia nɔkorɛ he, mmom nea yetumi yɔ he, yɛyɔ ma nɔkorɛ.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ba he ankasa ntumi mmɔ ne ti mu nyɔ hwee, gye sɛ nea ohu sɛ Agya he yɔ, efiri sɛ bibiaa Agya he yɔ he, ɔno ne Ba he nso yɔ.


Akyɛdeɛ pa ne nnoɔma a ɔyɛ pɛ nyinaa firi soro, ofiri hann Agya he hɔ ne ba. Ɔno ne nsakraeɛ anaa adanedaneɛ sunsum biaa nni ne mu.


Na honyini ya yɛ Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno ne animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, sɛ ayuo ba baako antɔ fam anwu a, ɔdasoaa yɛ ba baako; nso sɛ owu a ɔsõ mma bebree.


Annuanom, saa kwane he so ne honam Kristo nipadua so awu mmara he fam, saa nti, hohyɛ nipa foforɔ ase, nea benyanee no firi awufoɔ mu na ɔnam so ama yɛ aso aba ama Nyankopɔn.


na tenenee aba a ɔnam Yesu Kristo so ba he ahyɛ ho ma ama Nyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.


Sɛ beema yi mfiri Nyankopɔn hɔ a, nka ontumi nyɔ hwee.”


Ɔnyɛ sɛ na mehia akyɛdeɛ he, na mmom mehwehwɛ aba deɛ ɔbɛma ho nkonta adɔɔso.


Nso afei a hoade ho ho afiri bɔne ho yi, ho abɛyɛ Nyankopɔn nkoa, mfasoɔ a honya ne ahoteɛ. N’awieeɛ ne daa nkwa.


Nkwagyeɛ nni bi foforɔ mu, efiri sɛ dini foforɔ biaa nni soro anaa asaase so a bɛde ama nnipa sɛ bɛmfa so nye yɛ nkwa ka Yesu dini ho.”


Na sɛ nipadua he yɛ baako nso ɔwɔ akwaa bebree he, na akwaa he nyinaa dɔɔso, nso ne nyinaa yɛ nipadua baako he, saa ara nso ne Kristo nso teɛ.


Hommra Awurade a ɔyɛ boɔ a nkwa yam he nkyɛne. Ɔno ne nnipa poo no, na Nyankopɔn ani so deɛ ɔyɛ nea wayi no, na ɔsom bo he.


Afei ho yɛ Kristo nipadua na ho yɛ n’akwaa mmaako mmaako.


na hann aba da adi papa ne tenenee ne nea ɔyɛ nɔkorɛ nyinaa mu.


Nea ɔde aba ma gufoɔ na ɔma nipa aduane di he bɛma ho aba a hobegu he adɔɔso na wama ho tenenee aba ayɛ bebree.


a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.


saa nso ne yɛ a yɛdɔɔso yi, yɛyɛ nipadua baako Kristo mu, na yɛyeyɛ yɛ ho akwaa mmaako mmaako.


Nhyira kuruwaa a yehyira so he, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo mogyaa he mu anaa? Na paanoo a yebubu he nso, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo nipadua he mu anaa?


nso saa nipa he nni nyinasoɔ, nso ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm he nti, sɛ amaneɛ anaa ɔtaa ba pɛ, ntɛmaa, saa nipa he sane n’akyi.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite