Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 15:25 - Apam Foforɔ

25 Na ɔno ne ɔbɛma asɛm a bɛatwerɛ bɛ mmara he mu aba mu sɛ, ‘Bɛtane me tane hunu.’

Gade chapit la Kopi




Yohane 15:25
16 Referans Kwoze  

Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”


Anaa mayɔ bɔne sɛ mekaa Nyankopɔn asɛmpa he kyerɛɛ ho kwa na mebrɛɛ me ho ase sɛ ɔbɛyɔ a bɛbɛma ho so?


Na ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Bɛawie! Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ, kyerɛ sɛ, mfitiaseɛ ne awieeɛ he. Biaa a sukɔm de no he, mɛma no nsuo a ofiri nkwa asuti mu anom kwa.


Honhom he ne ayeforɔ he dɛ, “Bra!” Na biaa a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, “Bra!” Na deɛ sukɔm de no he mmra; na nea ɔpɛ he nso mmɛgye nkwa nsuo he kwa.


na yɛanni biaa aduane berɛ a yɛantua ka; na mmom yɛyɔɔ adwuma, mmɔdemmɔ ne brɛ mu awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma ho mu biaa.


Memma Nyankopɔn adom he nyɛ kwa; na sɛ bembuo nam mmara so ne ba a, hedeɛ na Kristo awu kwa.


na afei ɔyɛ akyɛdeɛ kwa sɛ Nyankopɔn nam n’adom ne gyeɛ a ɔya Kristo Yesu mu he so abu nnipa bem.


Afei yenim sɛ, nea mmara he ka biaa, ɔkasa kyerɛ bɛ a bɛya mmara he ase, sɛnea ɔbɛyɛ a ano biaa bɛka atom, na wiase nyinaa abu nkonta akyerɛ Nyankopɔn,


Yesu buaa bɛ sɛ, “Bɛntwerɛɛ wɔ ho mmara mu sɛ, ‘Mekaa sɛ, hoyɛ anyame’?


Yei siiɛ sɛ ɔbɛyɛ na twerɛsɛm he aba mu sɛ, “Bemmmu ne dompe biaa mu,”


Honsa yadeɛ, honyane awufoɔ, homma akwatafoɔ ho mfiri, hontutu ahohommɔne. Honyaa no kwa; nti homfa mma kwa.


Ɔnyɛ ho nyinaa ho asɛm ne meeka yi, me deɛ menim bɛ a maayi bɛ. Na mmom sɛnea ɔbɛyɛ a twerɛsɛm he bɛbam sɛ, ‘Nea me ne no bɔ kosua tafere he, ayi me ama ntia.’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite