Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 15:22 - Apam Foforɔ

22 Sɛ mamma ammɛkasa ankyerɛ bɛ a, nka bɛnnyɔɔ bɔne; na seesei deɛ benni bɛ bɔne ho anoyie biaa.

Gade chapit la Kopi




Yohane 15:22
17 Referans Kwoze  

Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ honyɛ anifirafoɔ a nka bɔne nni ho ho. Na afei ho dɛ, ‘Yehu adeɛ.’ Ho bɔne he aka hɔ.”


Nti nipa biaa a onim deɛ ɔyɛ na wannyɔ he, ɔyɛ bɔne mma no.


Nyankopɔn buu n’ani guu mmerɛ a na bennim hwee he so, nso afei ɔɔka akyerɛ adasamma a bɛya mmaa nyinaa sɛ biaa nsakra n’adwene,


Ewom sɛ Nyankopɔn daa tumi ne ne nyamesu yɛ adeɛ a ani nhu deɛ, nso ofiri adebɔ mfitiaseɛ he, ne nnoɔma a wayɔ he ada no adi pefee, ama bɛde adwene ahu mu. Nti benni anoyie biaa;


Nea ɔpo me na ɔnnye me nsɛm he wɔ temmufoɔ baako. Nsɛm a maka heaa ne bebu no atɛne da a odi akyire he mu,


Hontena ase sɛ nnipa a bɛde bɛ ho, na bɛmfa bɛ ahofadie he nyɔ bɔne biaa nso. Na hontena ase sɛ Nyankopɔn nkoa.


Ne saa nti, adasamma nni anoyie biaa, sɛnea woteeɛ biaa, woobu bi atɛne he, na woobu woaa wo ho atɛne, efiri sɛ wo a woyɛ temmufoɔ he, woyɔ ade korɔ heaa.


saa akoa he wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwane ne dɔno a onnim sɛ ɔbɛba mu, na ɔbɛtwe n’aso dendenndene na ɔde no afra bɛ a bɛnnye nni mu.


Yesu buaa sɛ, “Sɛ bɛamfa amfiri soro amma wo a wonnya me so tumi biaa. Ɔno nti nea oyii me maa wo he bɔne so paa.”


Nea ɔtane me he tane m’Agya nso.


Sɛ mannyɔ nnwuma a biaa nyɔɔ bi da bɛ mu a, nka bɛnnyɔɔ bɔne. Na afei deɛ bɛahu, nso bɛatane me ne m’Agya nyinaa.


Bɔne ho, efiri sɛ bɛnnye me nni;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite