Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 15:15 - Apam Foforɔ

15 Memmfrɛ ho nkoa bio, efiri sɛ akoa nnim nea ne wura yɔ. Na mmom maafrɛ ho me nnamfo, efiri sɛ maada bibiaa a mate afiri m’Agya hɔ adi akyerɛ ho.

Gade chapit la Kopi




Yohane 15:15
32 Referans Kwoze  

Obuaa sɛ, “Ho deɛ bɛde ama ho sɛ honte ahintasɛm a ɔfa soro ahennie he ho ase, nso bɛ deɛ bɛmfa maa bɛ.


Na ɔnam so maa twerɛsɛm he baa mu sɛ, “Abraham gyee Nyankopɔn diiɛ, na Nyankopɔn buu ne gyidie he sɛ tenenee maa no,” na bɛfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo.


ahintasɛm a mmeresantene ne awoɔntoatoasoɔ mu ohintaeɛ, ne bɛayi no adi akyerɛ yɛ a yɛyɛ n’ahoteefoɔ yi.


Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no.


Mmerɛ bi a atwa mu he woanyi saa ahintasɛm yi adi ankyerɛ nipa biaa, sɛnea nnɛ ɔnam Honhom he so abɛda no adi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron he:


Na waama yɛahu nyansa nyinaa ne nhunumu ahintasɛm a ɔpɛ he, sɛnea osiesiee no Kristo mu he.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Na esiane sɛ hoyɛ mma nti, Nyankopɔn asoma ne Ba Honhom aba ho akomam a ɔteaam sɛ, “Abba, a ɔkyerɛ sɛ Agya!”


Sɛ bi yɛ me somfoɔ a ma no nni m’akyi, na baabi a meya he, hɔ ne me somfoɔ bɛba; na sɛ bi som me a, m’Agya bedi no ni.


Mewɔ ho ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛne, na nea ɔsomaa me he yɛ nɔkwafoɔ. Na nea mate afiri ne hɔ ne meka kyerɛ wiase.”


Bɛhwehwɛɛ berɛ korɔ ne berɛ ahodoɔ a Kristo honhom a ɔya bɛ mu dii kane daa no adi faa n’amanehunu ne akyire animuonyam a ɔbɛba he ho.


Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, twerɛ krataa yi de kɔma abusuakuo dummienu a bɛabɔ ahwete he de nkyea mma bɛ nyinaa.


Wonya no sɛ akoa bio na mmom deɛ ɔsene saa; sɛ ɔmmɛyɛ nua dɔfo, titire ya me fam, nso ɔbɛyɔ ne ɔboro so saa ama wo honam fam, na afei Awurade mu nso.


Maada wo dini adi akyerɛ bɛ, na mɛda no adi akyerɛ, sɛ ɔbɛyɛ a dɔ a wode adɔ me he bɛtena bɛ mu, na matena bɛ mu.”


Honkae asɛm a maka akyerɛ ho yi, ‘Akoa nkyɛne ne wura.’ Sɛ bɛtane me a, bɛbɛtane ho nso, sɛ bedi me nsɛm so a, bebedi ho deɛ nso so.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, akoa nsene ne wura, na saa ne somafoɔ nso nsene onii a ɔsomaa no he.


Yesu Kristo akoa Yuda a ɔyɛ Yakobo nua twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a bɛafrɛ bɛ a Agya Nyankopɔn dɔ bɛ na bɛakora bɛ ama Yesu Kristo he.


efiri sɛ mamfa Nyankopɔn nhyehyɛeɛ biaa ansie ho.


Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, afei maahu sɛ woyɛ diyifoɔ.


Afei ɔdanee ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ he kaa sɛ, “Nhyira ne ani a ohu nnoɔma a hohu yi!


“Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛɛ ho, nso hontumi nnye ne nyinaa seesei.


Mennte me ankasa me nneyɔeɛ ase, efiri sɛ mennyɔ nea mepɛ, nso meyɔ adeɛ pɔtee a metane.


Na hwane ne ahu Awurade adwene na wakyerɛ no nea ɔnyɔ? Nso yɛ deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite