Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 15:11 - Apam Foforɔ

11 Maaka nsɛm yei akyerɛ ho sɛnea ɔbɛyɛ na m’anigyeɛ bɛtena ho mu, na ama ho anigyeɛ awie pɛyɛ.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 15:11
21 Referans Kwoze  

Anidasoɔ Nyankopɔn ankasa nhyɛ ho ma anigyeɛ ne asomdwie nyinaa mu gye a hoogye adi ho, sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛboro so anidasoɔ nyinaa mu Honhom Kronkron tumi mu.


Na afei meeba wo nkyɛne, na meeka yeinom wiase na ama bɛanya m’anigyeɛ, na awie pɛyɛ bɛ mu.


Obesi sesɛɛ hommisaa bibiaa a me dini mu. Hommisa, na ho nsa bɛka, na ho anigyeɛ awie pɛyɛ.


Yɛɛtwerɛ yei sɛnea ɔbɛyɛ a yɛ anigyeɛ bewie pɛyɛ.


Ɔyam sɛ honhu Yesu seesei yi deɛ, nso hodɔ no. Honhuu no da, nso hogye no di, na ho ho siane ho anigyeɛ a onni kabea a animuonyam yam,


Ɔyɛ nɔkorɛ sɛ, mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ ho, nso memfa krataa ne twerɛdua so nka. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ mɛba ne ho atena ase akasa, na yɛ anigyeɛ awie pɛyɛ.


Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!


Ɔnyɛ sɛ ebia yɛɛhyɛ ho sɛ honye bibi nni, na mmom yɛ ne ho yɔ adwuma bom na ama ho ani agye.


Homma ho ani nye bere biaa,


nso ɔsɛ sɛ yɛma yɛ ani gye na yedi ahurusie, efiri sɛ wo nua yi wuiɛ na waaba nkwa mu bio, ɔyeraeɛ na yɛahu no.’ ”


Na sɛ ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfoɔ mmaa ne n’afipamfoɔ boa ano ka sɛ, ‘Ho ne me nni ahurusie, efiri sɛ mahu me dwetɛbena a ɔyeraeɛ he.’


Ɔnam saa ahotɔsoɔ a mewɔ yi nti, menim sɛ mɛkɔ so ne ho nyinaa atena ase, na ama ho nkɔsoɔ ne gyidie mu anigyeɛ,


Hommoro nsa, efiri sɛ ɔde basabasa ba; na mmom honhyɛ ma Honhom mu,


Nea ayeforɔ he wɔ no he ne ayefokunu. Na ayefokunu adamfo a ogyina hɔ na otie ayefokunu he deɛ, n’ani gye paa. Nti m’anigyeɛ awie pɛyɛ.


Na berɛ a wahu no he, ɔde no bɔ ne kɔno ho na odi ahurusie.


Na homfa nantwie kumaa a wadɔre sradeɛ mmra mmeku no mma yenni na yɛnnye yɛ ani,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite