Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 15:10 - Apam Foforɔ

10 Sɛ hodi m’ahyɛdeɛ so a, hobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu he.

Gade chapit la Kopi




Yohane 15:10
28 Referans Kwoze  

“Hodɔ me a hobedi m’ahyɛdeɛ so.”


Dɔ a yɛdɔ Nyankopɔn he, kyerɛ di a yedi ne mmara so. Na ne mmara he nso so di nyɛ adesoa mma yɛ,


Na biaa a odi Nyankopɔn asɛm so he, ɔno mu ne Nyankopɔn dɔ he awie pɛyɛ. Yei ne ma yenya ahotɔsoɔ sɛ yɛte ne mu.


Sɛ saa nipa he nnim Kristo koraa a, nka ɔyɛ ma no sene sɛ obesua ne ho nsɛm na afei ɔbɛdane bɛ akyi akyerɛ mmara kronkron a ɔde maa no he.


Na nea ɔsomaa me he ka me ho, na onnyae me nko, efiri sɛ meyɔ nea ɔsɔ n’ani daa.”


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.


Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.


Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɔ he de ahyɛ wo animuonyam asaase so.


nso meeyɔ sɛnea Agya he hyɛ me he, na wiase ahu sɛ me dɔ Agya he. Honsɔre ma yemfiri ha nkɔ.


efiri sɛ me deɛ ɔnyɛ mene mehyɛɛ me ho kasaeɛ, na Agya he a ɔsomaa me he ne hyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.


Nhyira nka bɛ a bɛahoro bɛ ntaadeɛ na afiri, na bɛ a bɛwɔ ho kwane sɛ bedi nkwa dua he aba na bɛfa kuro he pono he mu.


Nea ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na odi so he, ɔno ne nea ɔdɔ me, na nea ɔdɔ me he m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho akyerɛ no.”


twetiatwa nka hwee, saa ara nso ne sɛ bentwaa bi twetia a ɔno nso nseɛ bibiaa; mmom Nyankopɔn mmara so die ne hia.


Nti na ohia sɛ yenya sɔfo panyini a ɔte saa, ne ho te, ne ho nni asɛm, nkekaeɛ nni ne ho, bɛate ne ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho, na bɛama no so mmorosoɔ.


nso honnim no. Na me deɛ menim no. Na sɛ meka sɛ mennim no a, na meyɛ torɔfoɔ te sɛ ho. Menim no na medi n’asɛm so.


Biaa nnye mfiri me nsam, na m’ankasa ne mefiri mepɛ mu de to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi sɛ mesane fa bio. Menyaa yei ho ahyɛdeɛ firii m’Agya nkyɛne.”


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ bi dɔ me a obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛne na yɛ ne no abɛtena.


Adeɛ paa a ɔkyerɛ sɛ yennim Nyankopɔn ne sɛ, yebedi ne mmara so.


Ɔsɛ sɛ biaa a ɔka sɛ ɔte ne mu he bɔ ne bra sɛ ɔnoaa pɛpɛɛpɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite