Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 14:21 - Apam Foforɔ

21 Nea ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na odi so he, ɔno ne nea ɔdɔ me, na nea ɔdɔ me he m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho akyerɛ no.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 14:21
43 Referans Kwoze  

“Hodɔ me a hobedi m’ahyɛdeɛ so.”


Dɔ a yɛdɔ Nyankopɔn he, kyerɛ di a yedi ne mmara so. Na ne mmara he nso so di nyɛ adesoa mma yɛ,


Na biaa a odi Nyankopɔn asɛm so he, ɔno mu ne Nyankopɔn dɔ he awie pɛyɛ. Yei ne ma yenya ahotɔsoɔ sɛ yɛte ne mu.


Na dɔ a meeka ho asɛm yi di: Sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ he teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ a hote firii mfitiaseɛ he sɛ, honnante dɔ mu.


Na Agya he ankasa dɔ ho, efiri sɛ hodɔ me na hoagye adi sɛ mefiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba.


Nso ɔkaa sɛ, “Daabi, mmom, nhyira ne bɛ a betie Nyankopɔn asɛm na bedi so!”


Sɛ hoyɔ nea mehyɛ ho he a, hedeɛ hoyɛ me nnamfo.


Hwɛ! Megyina pono he akyi ɔɔbɔ mu, sɛ bi te me nne na obie pono he a, mɛba mu na me ne no abedidi na ɔno nso ne me adidi.


Nhyira nka bɛ a bɛahoro bɛ ntaadeɛ na afiri, na bɛ a bɛwɔ ho kwane sɛ bedi nkwa dua he aba na bɛfa kuro he pono he mu.


efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.


“Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. “Na nea odi nkunim he, mɛma no mana a ahinta he bi. Afei mɛma no boɔ fitaa a bɛatwerɛ dini foforɔ so a biaa nnim, gye nipa a bɛde bɛma no he nko.”


Meya bɛ mu, na woya me mu, sɛ ɔbɛyɛ a bebewie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wone woasoma me na wodɔ bɛ sɛnea wodɔ me he.


Honhwɛ dɔ mmorosoɔ a Agya he de adɔ yɛ, sɛ bɛmfrɛ yɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ ne mma nso. Deɛ nti a wiase nnim yɛ he ne sɛ onnim no.


Nti afei yɛ Awurade Yesu Kristo he ankasa ne yɛ Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛ na wama yɛ daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu he,


Ɔno ne bɛhyɛ m’animuonyam; efiri sɛ ɔbɛfa nea ɔyɛ me deɛ he bi na wapaem aka akyerɛ ho.


“Mennyae ho nyanka, na mɛba honkyɛne.


Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo!


Na yɛ nyinaa yɛayi nkatanimu he afiri yɛ anim ne yɛɛhwɛ Awurade animuonyam te sɛ yɛɛhwɛ ahwehwem, wasesa yɛ afiri adom mu kɔ adom mu, na yei firi Awurade, honhom he.


Na mehuu Yesu sɛ ɔɔka akyerɛ me sɛ, ‘Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, efiri sɛ bɛmpene me ho adanseɛ a wodi he so.’


Mesrɛɛ Awurade mprɛnsa fa yei ho, sɛ ɔma no mfiri me so,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite