Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 14:10 - Apam Foforɔ

10 Wonnye nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu anaa? Nsɛm a meka kyerɛ ho he, omfiri meaa me tim ne meka, na Agya a ɔte me mu he ne yɔ ne nnwuma.

Gade chapit la Kopi




Yohane 14:10
26 Referans Kwoze  

Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ba he ankasa ntumi mmɔ ne ti mu nyɔ hwee, gye sɛ nea ohu sɛ Agya he yɔ, efiri sɛ bibiaa Agya he yɔ he, ɔno ne Ba he nso yɔ.


Na sɛ m’Agya adwuma ne meeyɔ deɛ a, hedeɛ sɛ mene honnye me nni a, honye nnwuma he nni na hoahu na ho ate aseɛ sɛ Agya he ya me mu na me nso meya ne mu.”


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


efiri sɛ me deɛ ɔnyɛ mene mehyɛɛ me ho kasaeɛ, na Agya he a ɔsomaa me he ne hyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.


Mene Agya he yɛ baako.”


Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ honya ma nipa ba he so a, saa berɛ he ne hobehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tim nyɔ bibiaa, na nea Agya he kyerɛkyerɛ me he, ɔno ne meka.


na Kristo mu ne nyame su nyinaa da adi nipadua mu,


efiri sɛ nsɛm a wode maa me he mede ama bɛ; na bɛ nso bɛagye; na bɛahu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛne ne baeɛ, na bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.


Na Yesu buaa bɛ sɛ, “M’Agya gu so ɔɔyɔ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meeyɔ adwuma.”


Na Honhom he ne nɔkorɛ he.


ɔne sɛ, na Nyankopɔn nam Kristo so ɔɔpata atwe wiase aba ne nkyɛne a, ommu bɛ bɔne ntia bɛ, na ɔde mpata asɛm ama yɛ.


Nea mahu no Agya he nkyɛne ne meka, na ho deɛ honyɔ nea hoate firi Agya he nkyɛne.”


Efiri sɛ ɔsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ Nyamesu nyinaa ntena Kristo mu,


Da heaa, hobehu sɛ meya m’Agya mu, na hoya me mu.


Na Yesu buaa bɛ sɛ, “Nea me kyerɛkyerɛ he nyɛ me dea, na mmom ɔyɛ nea ɔsomaa me he dea.”


nso seesei hopɛ sɛ hoku me, nipa a maaka nɔkorɛ a mete firi Agya he nkyɛne akyerɛ ho he. Nso Abraham deɛ wanyɔ saa adeɛ yi.


Na biaa a ɔte ase na ɔgye me di he onwu da. Wogye yei di anaa?”


Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”


Honye me nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu, na sɛ ɔnte saa nnwuma heaa nti honye nni.


Nea ɔnnɔ me he nni me nsɛm so, na nsɛm a hoate he nyɛ me deɛ na ɔyɛ Agya a ɔsomaa me he deɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite