Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 13:18 - Apam Foforɔ

18 Ɔnyɛ ho nyinaa ho asɛm ne meeka yi, me deɛ menim bɛ a maayi bɛ. Na mmom sɛnea ɔbɛyɛ a twerɛsɛm he bɛbam sɛ, ‘Nea me ne no bɔ kosua tafere he, ayi me ama ntia.’

Gade chapit la Kopi




Yohane 13:18
27 Referans Kwoze  

Obuaa sɛ, “Deɛ ɔne me to nsa didi ayowa baako mu he ɔno ne beyi me ama.’


Meya bɛ nkyɛne he, mede bɛ siee wo dini mu. Mekoraa bɛ yie na bɛ mu baako pɛ mpo annyera gye sɛ yera ba he, na ama twerɛsɛm he aba mu.


Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔyɛ dummienu yi mu baako, nea ɔne me de paanoo ɔɔbɔ ayowa baako mu he a,


Yesu buaa sɛ, “Ɔno ne mede paanoo sini bɛbɔ ayowa mu ama no he.” Nti ɔde paanoo sini bɔɔ ayowa mu de kɔmaa Yuda, Simon Iskariot ba he.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyɛ mene maayi ho nnipa dummienu yi? Nso ho mu baako yɛ bronsam.”


Sɛ howɔ wiase afa a, wiase bɛdɔ ho sɛ ɔnoaa ne deɛ. Na esiane sɛ honni wiase afa, na mmom maayi ho afiri wiase nti, wiase tane ho.


Na abɔdeɛ biaa ntumi nhinta no, ne nyinaa da adagya na so abie a ɔda deɛ yɛ nyinaa bebu nkonta akyerɛ no he anim pefee.


Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.


na nipa fiefoɔ bɛyɛ n’atamfoɔ.


Afei, meku n’akyidifoɔ he, na asafo he nyinaa behu sɛ mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu. Metua ho mu biaa ka sɛnea ne nwuma teɛ.


Obisaa no mprɛnsa so sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me anaa?” Petro werɛ hoo sɛ oobisa no mprɛnsa so sɛ “wodɔ me?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wonim bibiaa, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nyɛne me nnwane he.”


Na ɔnyɛ yɛ ho asɛm ne yɛka na mmom yɛpae mu ka sɛ Yesu Kristo yɛ Awurade na yɛ deɛ yɛyɛ ho nkoa Yesu nti;


na beedidi he, ɔkaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorɛ mu sɛ, ho mu baako beyi me ama.”


Nnwunu dwoeɛ he, Yesu ne dummienu he baeɛ.


Na bɛtenaa ase a beedidi he, ɔkaa sɛ, “Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, ho a ho ne me oodidi he mu baako beyi me ama.”


“Na honhu sɛ, nea obeyi me ama he ne me te didipono yi ho,


Na Yesu kaa yei wieeɛ he, ne ho yeraa no ne honhom mu, na ɔpaem kaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, ho mu baako beyi me ama.”


Na asuafoɔ he hwehwɛɛ bɛ ho bɛ ho anim a na benhu onii korɔ a ɔɔka ne ho asɛm he.


Na ɔno ne ɔbɛma asɛm a bɛatwerɛ bɛ mmara he mu aba mu sɛ, ‘Bɛtane me tane hunu.’


(Yei maa asɛm a Yesu ka faa wuo korɔ a na oobewu he ho he baa mu.)


Nti bɛkeka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hommma yɛ ntete mu, na mmom yɛntwe so ntonto nhwɛ nea ɔbɛyɛ ne deɛ.” Na yei ma twerɛ he baa mu sɛ, “Bɛkyekyɛɛ me ngusoɔ mu faeɛ, na bɛ twee m’ataadeɛ nso so ntonto.”


Yei siiɛ sɛ ɔbɛyɛ na twerɛsɛm he aba mu sɛ, “Bemmmu ne dompe biaa mu,”


de besi da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafoɔ a oyii bɛ he ahyɛdeɛ, na ɔno akyi he bɛfaa no kɔɔ soro.


“Anuanom, otwa sɛ twerɛsɛm a Honhom Kronkron nam Dawid so ka faa Yuda a ɔkyerɛɛ bɛ a bɛkyee Yesu he kwane maa bɛkyee no he ba mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite