Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 13:13 - Apam Foforɔ

13 Hofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na ɔyɛ ne kwane so sɛ hoka saa, efiri sɛ meyɛ saa.

Gade chapit la Kopi




Yohane 13:13
18 Referans Kwoze  

“Mmɛ nti ne hofrɛ me ‘Awurade, Awurade,’ nso honyɔ nea meka yi?


na kɛtrɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade, ahyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.”


Nti mepɛ sɛ hote aseɛ sɛ biaa a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa he nka sɛ, “Yesu yɛ abusudeɛ,” na biaa ntumi nka sɛ “Yesu yɛ Awurade” gye sɛ ɔnam Honhom Kronkron so.


Ɔkaa yei wieeɛ he, Marta kɔfrɛɛ ne Maria kokoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ he aba ha, na ɔɔfrɛ wo.”


Nɔkwasɛm ne sɛ, mebu nnoɔma nyinaa adehweredeɛ, ɔnam m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ he boɔ a ɔkyɛne so he nti. Ɔno nti mahwere nnoɔma nyinaa, na mebu adeɛ nyinaa sumina so adeɛ, na manya Kristo,


nso yɛ deɛ, Nyankopɔn baako pɛ ne yenim sɛ ɔya hɔ, ɔno ne Agya he a nnoɔma nyinaa firi ne mu na ɔnam ɔno nti yɛ ya hɔ; saa ara nso ne yɛwɔ Awurade baako, Yesu Kristo a nnoɔma nyinaa nam ne so ba, na yɛ te ase ne mu he.


Wogyidi sɛ Nyankopɔn yɛ baako; woyɛ no yie. Mpo ahonhommɔne nso gye saa di, na bɛ ho popo.


Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yei; kɔ so yɔ yei na wobenya nkwa.”


Simon buaa no sɛ, “Mesusu sɛ nea ɔde ka pii kyɛɛ no he a.” Ɔka kyerɛɛ no sɛ. “Woabua no yie.”


sɛdeɛ Nipa Ba he nso amma sɛ bɛnsom no na mmom ɔbɛsomeɛ na ɔde ne nkwa ayɛ agyedeɛ ama nipa bebree he.”


Lasaro a na ɔyare he yɛ Maria a ɔde ngo hwamhwam guu Awurade nane ase na ɔde ne tinwii popaeɛ he nua beema.


Nti ne nuamaanom too Yesu nkra sɛ, “Awurade, nea wodɔ no he yare.”


Saa ne awuranom nso honyɔ mma ho nkoa. Honnyae bɛ ahunahuna, na honhu sɛ ho nyinaa howɔ Wura baako ya soro; na nyiyimu biaa nni ne mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite