44 Afei Yesu teaam dendene sɛ, “Deɛ ɔgye me di he, ɔnyɛ menko ne ɔgye me di, na mmom nea ɔsomaa me he nso.
“Biaa a ɔgye ho he gye me, na deɛ ɔgye me he gye deɛ ɔsomaa me he nso.
Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye biaa a mesoma no he gye me nso. Saa nso ne nea ɔgye me nso gye nea ɔsomaa me he nso.”
Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, nea otie m’asɛm na ɔgye nea ɔsomaa me he di he wɔ daa nkwa, na ɔmma atemmuom, na mmom waafiri wuom aba nkwam.
“Nea ɔgye nkumaa yi mu baako me dini mu he gye me, na nea ɔgye me he, ɔnnyɛ me ne ɔgye me na mmom ɔgye nea ɔsomaa me he nso.”
Ɔnam ne so ne hogyee Nyankopɔn a onyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam he diiɛ. Ɔnam so ama ho gyidie ne ho anidasoɔ atim Nyankopɔn mu.
Nti berɛ a Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ asɔredane mu hɔ he, ɔteaam sɛ, “Honim me, na honim baabi a mefiri nso. Na ɔnyɛ m’ankasa mepɛ so na me baeɛ, na nea ɔsomaa me he yɛ nɔkwafoɔ a honnim no.
Ɔkaa saa he, ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Lasaro, firi bra!”
Yesu buaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wooka sɛ: Sɛ wobetumi a! Te aseɛ sɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ ama nea ɔgye di.”