21 Nti yeinom baa Filipo a na ofiri Betsaida a ɔya Galilea he nkyɛne, na befirii aseɛ srɛɛ no sɛ, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.”
bebisaa sɛ, “Hefa ne Yudafoɔ hene a bɛawo no he ya? Yɛahu ne nsoromma apieɛ, na yɛaba sɛ yɛɛbɛkoto no.”
Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ biaa a ohu Ba he na ɔgye no di he benya daa nkwa, na menyane no da a odi akyi he.”
“Korasin due! Betsaida due! Efiri sɛ, sɛ bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no ho mu he, bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛasakra bɛ adwene afira ayitoma de nso apete bɛ tim de akyerɛ bɛ adwensakra dadaada.
Natanael bisaa no sɛ, “Wonim me he?” Yesu buaa sɛ, “Mehuu wo sɛ woya borɔdoma dua he ase ansa na Filipo ɔɔfrɛ wo mpo.”