Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 12:19 - Apam Foforɔ

19 Farisifoɔ he keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, Honhu sɛ hontumi nyɔ no hwee. Hwɛ! Wiase atu di n’akyi.

Gade chapit la Kopi




Yohane 12:19
14 Referans Kwoze  

Berɛ a bɛanhu bɛ he, bɛtwee Yason ne agyidifoɔ binom kɔmaa kuro he mu atumfoɔ, na bɛteateaam sɛ, “Mmeema a bɛadane wiase ani he aba ha nso,


Na Kristo he ankasa ne yɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ, na ɔnyɛ yɛ bɔne nkoaa, na mmom wiase nyinaa bɔne nso.


sɛ bɛ nyinaa bɛbɛyɛ baako, sɛnea wo, Agya, woya me mu, na meya wo mu; sɛ bɛ nso bɛnyɛ baako yɛ mu, na ama wiase agye adi sɛ wone wosomaa me.


Nti bɛbaa Yohane nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, beema a na ɔne woya Yordan agya a wodii ne ho adanseɛ he, ɔɔbɔ asu ha, na nnipa nyinaa ɔɔkɔ ne nkyɛne.”


Nso berɛ a asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he huu anwanwadeɛ a ɔyɔeɛ he, na bɛtee sɛ mmɔfra ɔɔteam asɔredane mu hɔ sɛ, “Hosiana, Dawid Ba,” he bɛ bofuu paa


Ɔnam sɛ bɛtee sɛ wayɔ saa nsɛnkyerɛnne yi nti, nnipakuo he kohyiaa no.


Na Helafoɔ bi ka bɛ a bɛbaa sɛ bɛɛbɛsom afahyɛ he ase he ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite