48 Sɛ yɛma no kɔ so saa a, biaa bɛgye no adi, na Romafoɔ he bɛba abɛsɛe yɛ kronkron bea ne yɛ mane yi.”
na ɔkaa sɛ, “Yɛanhyɛ ho ketee sɛ honyina saa dini yi so nkyerɛkyerɛ? Na afei ɔyɛɛ dɛ ne hode ho nkyerɛkyerɛ yi ahyeta Yerusalem nyinaa, na hoabɔ ho tim pɔ sɛ hode nipa yi mogyaa bebua yɛ atifi.”
“Honnue, ho mmarakyerɛfoɔ, efiri sɛ hoagye nimdeɛ safoa he, nso ho ankasa hoankɔ mu, na bɛ a bɛɛkɔ mu he nso hosi bɛ kwane!”
Nea oguu kwane nkyɛne he ne bɛ a bɛteeɛ, na Bronsam beyii asɛm he firii bɛ akoma mu na bɛannye anni annya nkwa.
Na afei nnipa he nyinaa bom kaa sɛ, “Ne mogyaa mmra yɛ ne yɛ mma so!”
Na hene he bo fuiɛ. Ɔsomaa ne dɔm maa bɛkɔsɛe saa wudifoɔ he hyee bɛ kuro.
Ɔbaa sɛ oobedi hann he ho adanseɛ, sɛ ɔbɛyɛ a nnipa nyinaa nam hann he so bɛgye adi.
Nti honkɔ mmɔntene so, na homfrɛ biaa a hobehu no ma no mmra ayefohyia apontoɔ he ase.’
“Nti sɛ hohu sɛ akyiwadeɛ a ɔbɔ mane he gyina kronkronbea hɔ a, sɛdeɛ diyifoɔ Daniel kaeɛ he a (otwa sɛ deɛ ɔkenkane he te aseɛ),