Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 11:42 - Apam Foforɔ

42 Menim sɛ wotie me daa, nso nnipakuo a begyina ha he nti ne maka saa na ama bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 11:42
27 Referans Kwoze  

Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.


sɛ bɛ nyinaa bɛbɛyɛ baako, sɛnea wo, Agya, woya me mu, na meya wo mu; sɛ bɛ nso bɛnyɛ baako yɛ mu, na ama wiase agye adi sɛ wone wosomaa me.


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


Ne saa nti berɛ biaa obetumi agye bɛ a bɛnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛne he, efiri sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama bɛ.


Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.


Na Nyankopɔn ayɔ nea mmara he antumi anyɔ, ɔne sɛ ɔnam honam mmerɛyɛ nti ɔsomaa ɔnoaa ne Ba, honam subane mu maa no bɛyɛɛ nipa te sɛ yɛ nnipa adebɔneyɛfoɔ yi sɛ ɔne bɔne nni asie, na odii bɔne so nkunim honam mu,


Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.


“Oo! Agya Teneneeni, wiase nnim wo, nso menim wo, na yeinom nim sɛ woasoma me.


efiri sɛ nsɛm a wode maa me he mede ama bɛ; na bɛ nso bɛagye; na bɛahu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛne ne baeɛ, na bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.


Na seesei mpo menim sɛ adeɛ biaa a wobebisa Nyankopɔn he, ɔbɛyɔ ama wo.”


Anaa wodwene sɛ mentumi nsrɛ m’agya, ma ɔnsoma abɔfoɔ bɛboro dɔm dummienu mmra me seeseiaa anaa?


Nso berɛ a bɛahyɛ ato hɔ he soeɛ he, Nyankopɔn somaa ne Ba a baa woo no, na bɛwoo no mmara he ase,


Afei berɛ a Yudafoɔ a na bɛ ne Marta ya fie hɔ ɔɔkyekyere ne were he huu sɛ Maria asɔre ntɛm afiri adi he, bedii n’akyi susuu sɛ ɔɔkɔ nna he so akosu.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ Nyankopɔn yɛ ho Agya a nka hobɛdɔ me, efiri sɛ mefiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ. Ɔnyɛ mene mede mepɛ baeɛ na mmom ɔno ne somaa me.


Na nea ɔsomaa me he ka me ho, na onnyae me nko, efiri sɛ meyɔ nea ɔsɔ n’ani daa.”


Na sɛ mebu atɛne mpo a, m’atemmuo he yɛ nɔkorɛ efiri sɛ nyɛ me nkoaa ne mebu atɛne, na mmom me ne Agya a ɔsomaa me he ne bu atɛne.


Ɔkaa saa he, ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Lasaro, firi bra!”


efiri sɛ ɔno nti ne Yudafoɔ bebree kɔɔ hɔ na bɛgyee Yesu diiɛ.


Na nnipakuo a na bɛya hɔ berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii adakamena mu na onyane no firi wuom he kɔɔ so dii adanseɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite