39 Yesu kaa sɛ, “Honyi boɔ he.” Marta a na ne nua aka baabi he ka kyerɛɛ no sɛ, “Sesɛɛ deɛ, ɔbɔno, efiri sɛ waadi nnanan.”
Berɛ a Yesu duruu hɔ he, ohuu sɛ Lasaro adi nnanan adamena mu.
Na bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hwane ne bemini boɔ he afiri nna he so ama yɛ?”
Na ɔno ne bɛsane ayɔ yɛ nipadua a bɛbɛbrɛ no ase he yie, na ama ayɛ sɛ n’animuonyam nipadua he, sɛnea ne tumi a ɔya hɔ he yɔ adwuma, meekyerɛ sɛ ɔbɛbrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’ase.
efiri sɛ wonnya me kra Asamando, na womma wo Kronkronni he nipadua mporɔ.
Na Dawid deɛ, ɔyɔɔ Nyankopɔn pɛ a bɛada no adi he ya ɔno ankasa n’awoɔ ntoatoasoɔ mu, na owuiɛ, na besiee no ɔnoaa ne nananom nkyɛne, na ɔporɔeɛ;
Yɛyɛ wuo hwa ma bɛ a bɛɛyera, na yɛyɛ nkwa hwa ma bɛ a bɛɛkɔ nkwa mu. Hwane ne fata yeinom?