26 Na biaa a ɔte ase na ɔgye me di he onwu da. Wogye yei di anaa?”
Mema bɛ daa nkwa, na bɛnyera da. Na biaa ntumi nhwim bɛ mfiri me nsam.
na sɛ hotena ase sɛnea honam pɛ a, hobewu; nso sɛ hode Honhom he ku honam he a, hobɛtena ase.
Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, nea otie m’asɛm na ɔgye nea ɔsomaa me he di he wɔ daa nkwa, na ɔmma atemmuom, na mmom waafiri wuom aba nkwam.
Wonnye nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu anaa? Nsɛm a meka kyerɛ ho he, omfiri meaa me tim ne meka, na Agya a ɔte me mu he ne yɔ ne nnwuma.
na nea ɔbɛbɛnom nsuo a mede bɛma no he, sukɔm ɔnne no da. Na mmom nsuo a mede bɛma no he, bɛyɛ abura a ofifiri ne mu kɔ daa nkwam.”
Berɛ a ɔkɔɔ fie hɔ he, anifirafoɔ he baa ne nkyɛne, na Yesu bisaa bɛ sɛ, “Hogye di sɛ metumi ayɔ yei?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛɛ, Awurade.”
Yesu tee sɛ bɛapam no, na ohuu no he, obisaa no sɛ, “Wogye Nipa Ba he di?”
Yesu buaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wooka sɛ: Sɛ wobetumi a! Te aseɛ sɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ ama nea ɔgye di.”
Anaa wodwene sɛ mentumi nsrɛ m’agya, ma ɔnsoma abɔfoɔ bɛboro dɔm dummienu mmra me seeseiaa anaa?
Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔgye di he benya daa nkwa.