Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 11:25 - Apam Foforɔ

25 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ne wusɔreɛ ne nkwa. Bɛ a bɛgye me di he, bewu mpo a bebenya nkwa.

Gade chapit la Kopi




Yohane 11:25
41 Referans Kwoze  

Na yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ na ɔsɔreeɛ bio a, saa ara nso ne Nyankopɔn de bɛ a bɛawu he nam Yesu so bɛka Yesu ho aba.


Nea ɔgye ba he di he wɔ daa nkwa, na nea ontie ba he onhu nkwa, na Nyankopɔn abufuo ya ne so.


Ne mu ne nkwa ya, na nkwa he ne nnipa hann.


Na sɛnea Agya he nyane awufoɔ na ɔma bɛ nkwa he, saa ne Ba he nso de nkwa ma bɛ a ɔno ankasa pɛ.


Biaa ntumi mma me nkyɛne gye sɛ Agya a ɔsomaa me he twe no ba; na menyane no nna odi akyire he.


efiri sɛ Honhom mu nkwa mmara he ama ho faahodie Kristo Yesu mu afiri bɔne ne wuo mmara he mu.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mene nkwa paanoo he. Nea ɔba menkyɛne he kɔm ɔnne no da, na nea ɔgye me di he, sukɔm ɔnne no da.


Na ɔbɛpepa bɛ aniwa mu nisuo nyinaa. Na wuo nni hɔ bio; na awerɛhoɔ ne su ne yeyaa biaa nni hɔ bio, efiri sɛ, kane nnoɔma he atwam.”


Mepɛ sɛ mehu Kristo, ɔne ne wusɔreɛ tumi, na manya ne brɛ he mu kyɛfa de me ho ama wuo a ɔte sɛ ne deɛ he,


(Na awufoɔ nkaeɛ he deɛ, bɛannya nkwa bio kosii sɛ mfie apem he twaa mu.) Yei ne wusɔreɛ a odi kane he.


Na hokuu nkwa Farebae he, nea Nyankopɔn nyanee no firii awufuom he. Yɛyɛ yei ho adansefoɔ.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Na sɛnea Agya he wɔ nkwa ɔnoaa ne mu he, saa na ɔde ama Ba he nso sɛ onya nkwa ɔno ankasa ne mu.


Honhom he ne ayeforɔ he dɛ, “Bra!” Na biaa a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, “Bra!” Na deɛ sukɔm de no he mmra; na nea ɔpɛ he nso mmɛgye nkwa nsuo he kwa.


Aaka kakra na wiase nhu me bio, na ho deɛ hobehu me efiri sɛ, mete ase, nti ho nso hobɛtena ase.


Na menhu mmienu yi mu nea memfa: nea mepɛ ne sɛ nka mefiri wiase yi mu ne Kristo akɔtena efiri sɛ, saa mmom yɛ paa;


Afei bɔfoɔ he kyerɛɛ me nkwa asubɔntene a ani te krɔgyee sɛ ahwehwɛ a ofiri Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa so


efiri sɛ yenim sɛ deɛ ɔnyanee Awurade Yesu he benyane yɛ ne no nso, na ɔde yɛ ne ho aba n’anim.


sɛnea bɛatwerɛ sɛ “Maayɔ wo amane bebree bɛ agya,” Nyankopɔn a ɔgye no di he anim, nea ɔma awufoɔ nkwa, na ɔfrɛ adeɛ a onni hɔ ma no ba.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nɔkorem meeka akyerɛ wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.”


Sɛ ɔnte saa a, nka bɛ a bɛma bɛbɔɔ bɛ asu maa awufoɔ he yɔɔ saa de gyee mmɛ? Sɛ benyane awufoɔ a, mmɛ nti ne binom gyina bɛanane mu bɔ asu?


Na sɛ ɔte saa a, na bɛ a bɛadeda Kristo mu he nso he ayera.


Na sɛnea Nyankopɔn dɔɔ wiase di, sɛ ɔde ne Ba ɔwoo no koro he maeɛ, na biaa a ɔbɛgye no adi he anyera, na mmom wanya daa nkwa.


Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite