11 Ɔkaa yei wieeɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yɛ adamfo Lasaro ada, na meekɔ hɔ akonyane no.”
Yesu deɛ na Lazuro wuo ho asɛm ne ɔɔka, nso asuafoɔ he susuu sɛ ɔyɛ nna ho asɛm ne ɔɔka.
Ɔno Kristo ne wu maa yɛ sɛ ɔbɛyɔ a sɛ yɛte ase oo, sɛ yewu oo, yɛne no bɛtena ase.
Tie na mɛka wo ahintasɛm! Yɛ nyinaa yenwu, nso yɛ nyinaa bɛsesa,
Afei, obuu nkotodwe de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Awurade, mmu bɔne yi ntia bɛ.” Na ɔkaa saa he ogyaam.
Na adamena nso biebieɛ, na ahoteefoɔ a bɛawuwu he bebree nyanenyaneɛ, na befirii bɛ adamena mu.
Nti ne Twerɛ he ka sɛ, “Wo a wada, nyane! Sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo bɛhyerɛn ama wo.”
Na owuraa fie hɔ he, obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne hooyɔ gyegyeegye na hoosu yi? Akwadaa he nwuiɛ, na waada.”
ɔkaa sɛ, “Homfiri ha nkɔ; na abaayaa he nwuiɛ, na waada.” Na bɛseree no twee.
Na ɔnam so maa twerɛsɛm he baa mu sɛ, “Abraham gyee Nyankopɔn diiɛ, na Nyankopɔn buu ne gyidie he sɛ tenenee maa no,” na bɛfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo.
Homma ho ani nna hɔ, na honnyɔ bɔne; na binom nnim Nyankopɔn. Meka yei de hyɛ ho aniwuo.
Na sɛ ɔte saa a, na bɛ a bɛadeda Kristo mu he nso he ayera.
Nti ne nuamaanom too Yesu nkra sɛ, “Awurade, nea wodɔ no he yare.”
Nea ayeforɔ he wɔ no he ne ayefokunu. Na ayefokunu adamfo a ogyina hɔ na otie ayefokunu he deɛ, n’ani gye paa. Nti m’anigyeɛ awie pɛyɛ.
Nso bɛ a bɛnante anadwo he sonti, efiri sɛ benni hann mu.”
Asuafoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ waada deɛ a, ɔbɛsɔre.”