Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 10:6 - Apam Foforɔ

6 Yesu kaa saa kasakoa yi kyerɛɛ bɛ, nso bɛante nea na ɔɔka kyerɛ bɛ he ase.

Gade chapit la Kopi




Yohane 10:6
20 Referans Kwoze  

“Menam mfantoho so aka yeinom akyerɛ ho. Berɛ he ɔɔba a memmfa mfantoho ne bɛkasa ho ho bio, na mmom mɛka Agya he ho asɛm akyerɛ ho pefee.


“Yesu bisaa bɛ sɛ, Hoate yei nyinaa ase?” Na bebuaa sɛ, “Ɛɛ.”


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.


Mmɛ nti ne ho nte nea meka he ase yi? Efiri sɛ hontumi ntie m’asɛm.


Bɛante aseɛ sɛ Agya he ho asɛm ne ɔɔka kyerɛ bɛ.


Abɛ asɛm ne ɔɔka yi sɛ, ‘Hobɛhwehwɛ me, na honhu me, na nea meya he, hontumi mma hɔ’?”


Nti berɛ a n’asuafoɔ he mu bebree tee yei he, bɛkaa sɛ, “Asɛm yi ano ɔdene, hwane ne betumi agye?”


Na afei Yudafoɔ he firi aseɛ kasakasaa bɛ mu sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na saa beema yi de ne honam ama yɛ adi?”


Yesu de mfantoho ne kaa yeinom nyinaa kyerɛɛ nnipadɔm he; wankwanti mfantoho ne bɛ ankasa.


Wankasa ankyerɛ bɛ a na mfantoho nka ho; na ɔka ɔne n’asuafoɔ he nkoaa a, ɔkyerɛkyerɛ bibiaa mu kyerɛ bɛ.


N’asuafoɔ he kaa sɛ, “Hwɛ! Afei wookasa pefee, ɔnyɛ mfantoho so!


Nea ɔbaa bɛ so he kyerɛ sɛ, saa bɛ yi yɛ nɔkorɛ: Kramane sane kɔ ne feɛ ho bio, na “prako a bɛadware no he nso kɔyantam ne ho atɛkyɛ mu.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite