Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 10:36 - Apam Foforɔ

36 hoka kyerɛ me a Agya he ate me ho asoma me aba wiase he sɛ, ‘Woaka abususɛm’ esiane sɛ mekaa sɛ ‘Meyɛ Nyankopɔn Ba nti’?

Gade chapit la Kopi




Yohane 10:36
39 Referans Kwoze  

Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.


Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.


Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”


bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen.


na bɛde tumi ayi no adi akyerɛ sɛ ɔyɛ Nyankopɔn Ba a ɔnam honhom ahoteɛ kronkron so awufoɔ sɔreeɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛ Awurade.


Toma buaa no sɛ, “M’Awurade ne me Nyankopɔn!”


Yudafoɔ he buaa no sɛ, “Yɛwɔ mmara, na sɛnea mmara he kyerɛ he ɔsɛ sɛ owu efiri sɛ ɔyɛ ne ho sɛ Nyankopɔn Ba.”


sɛ bɛ nyinaa bɛbɛyɛ baako, sɛnea wo, Agya, woya me mu, na meya wo mu; sɛ bɛ nso bɛnyɛ baako yɛ mu, na ama wiase agye adi sɛ wone wosomaa me.


sɛnea woasoma me wiase he, saa ne me nso meesoma bɛ wiase.


efiri sɛ nsɛm a wode maa me he mede ama bɛ; na bɛ nso bɛagye; na bɛahu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛne ne baeɛ, na bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.


Na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Kronkronni a wofiri Nyankopɔn hɔ he.”


Sɛnea Agya a ɔte ase he somaa me he, na Agya he nti mete ase he, saa ara nso ne nea odi me honam he, me nti ɔbɛtena ase.


efiri sɛ mefiri soro ne aba sɛ hobɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na ɔnyɛ m’ankasa me deɛ.


“M’ankasa mentumi mmɔ me tim nyɔ hwee. Nea mete heaa ne megyina so bu atɛne, na atɛne a mebu he tene, efiri sɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me he apɛdeɛ.


Na nea Nyankopɔn asoma no he ka Nyankopɔn asɛm, na Nyankopɔn nsusu Honhom ansa na ɔde ama.


Afei bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so, na Sorosoroni he tumi bɛkata wo so. Yei nti ne bɛbɛfrɛ nea wobɛwo no he Kronkron, Nyankopɔn Ba.


Ɔde ne ho too Nyankopɔn so, sɛ Nyankopɔn pɛ sɛ ɔgye no a ma no nye no seeseiaa, efiri sɛ, ɔkaa sɛ, ‘Meyɛ Nyankopɔn Ba.’ ”


Nso berɛ a bɛahyɛ ato hɔ he soeɛ he, Nyankopɔn somaa ne Ba a baa woo no, na bɛwoo no mmara he ase,


Na Nyankopɔn ayɔ nea mmara he antumi anyɔ, ɔne sɛ ɔnam honam mmerɛyɛ nti ɔsomaa ɔnoaa ne Ba, honam subane mu maa no bɛyɛɛ nipa te sɛ yɛ nnipa adebɔneyɛfoɔ yi sɛ ɔne bɔne nni asie, na odii bɔne so nkunim honam mu,


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ Nyankopɔn yɛ ho Agya a nka hobɛdɔ me, efiri sɛ mefiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ. Ɔnyɛ mene mede mepɛ baeɛ na mmom ɔno ne somaa me.


Na asraafoɔ ha so panyini ne bɛ a bɛka ne ho ɔɔwɛne Yesu he huu asaasewosoɔ ne nnoɔma a ɔsisiiɛ he, besuroo pii, kaa sɛ, “Ampa, Nyankopɔn Ba di!”


Sɛ bɛfrɛ bɛ a Nyankopɔn asɛm baa bɛ nkyɛne he anyame na bentumi nsɛe twerɛ he a,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite