Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 10:30 - Apam Foforɔ

30 Mene Agya he yɛ baako.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 10:30
18 Referans Kwoze  

Yesu bisaa no sɛ, “Filipo, me ne hoya hɔ dadaada yi, honhuu me anaa? Biaa a w’ahu me he ahu Agya he nso. Afei mmɛ nti ne wooka sɛ, ‘Kyerɛ yɛ Agya he’?


na ama biaa adi Ba he ni sɛnea bedi Agya he ni heaa. Nea onni Ba he ni he, onni Agya a ɔsomaa no he nso ni.


Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ bi dɔ me a obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛne na yɛ ne no abɛtena.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, Abraham nnya mmaeɛ he, ne meya hɔ.”


Na Yesu buaa bɛ sɛ, “M’Agya gu so ɔɔyɔ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meeyɔ adwuma.”


M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na biaa nnim Ba he, gye Agya he; na biaa nnim Agya he nso, gye Ba he ne biaa a Ba he pɛ sɛ ɔbɛma n’ahu no.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


mmerɛ a yɛɛtwɛne yɛ Nyankopɔn kɛseɛ ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.


Nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea, na wo deɛ nyinaa nso yɛ me deɛ, na maanya animuonyam yam.


Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.


Nea Agya he wɔ nyinaa yɛ me dea. Saa nti ne mekaa sɛ nɔkorɛ Honhom he bɛfa nea ɔyɛ me deɛ na wapaem aka akyerɛ ho he.


Na Honhom he ne nɔkorɛ he.


Nea m’Agya de ama me he so kyɛne bibiaa, na biaa ntumi nhwim mfiri Agya he nsam.


hoka kyerɛ me a Agya he ate me ho asoma me aba wiase he sɛ, ‘Woaka abususɛm’ esiane sɛ mekaa sɛ ‘Meyɛ Nyankopɔn Ba nti’?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite