24 Nti Yudafoɔ he twa hyiaa ne ho bisaa no sɛ, “Wobɛma yɛatwɛne akosi da bɛ? Sɛ wone Kristo he a, pae mu ka kyerɛɛ yɛ pefee.”
Na yei ne adanseɛ a Yohane diiɛ berɛ a Yudafoɔ he somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Wone hwane?”
Wo so kyɛne yɛ agya Abraham a owuiɛ he anaa? Adiyifoɔ he nso wuiɛ. Afei wo dɛ wo ne hwane?”
Bebisaa no sɛ, “Hwane ne wo”? Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mene nipa korɔ a maka sɛ meyɛ ofiri me dwumadie ahyɛaseɛ he.
ma bɛ bebisaa Yesu sɛ, “Wone deɛ ɔɔba he, anaa yɛnhwɛ foforɔ kwane?”
Ɔnam sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,
“Menam mfantoho so aka yeinom akyerɛ ho. Berɛ he ɔɔba a memmfa mfantoho ne bɛkasa ho ho bio, na mmom mɛka Agya he ho asɛm akyerɛ ho pefee.
Deɛ nti a n’awofoɔ kaa saa ne sɛ, na besuro Yudafoɔ he; efiri sɛ, na Yudafoɔ he apam dada sɛ, sɛ bi paem ka sɛ Yesu ne Kristo he a, bebetu no afiri hyiadane he mu.
Berɛ a na nnipa he ɔɔhwɛ kwane, na bɛ nyinaa susuu no bɛ akoma mu sɛ, gyama Yohane ne Kristo he,
Ɔkaa yeinom nyinaa maa mu daa hɔ pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛne, na ɔhyɛɛ aseɛ kaa n’anim.
Na Yudafoɔ he sesaa aboɔ bio sɛ bɛɛbɛtoto abɔ no.
Yudafoɔ he buaa sɛ, “Ɔnyɛ nnwumapa bi nti ne yeebesi wo aboɔ, na mmom abususɛm ntia, efiri sɛ wo a woyɛ nipa he woyɛ wo ho sɛ Nyankopɔn.”