Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 10:16 - Apam Foforɔ

16 Mewɔ nnwane foforɔ a bemfiri bane yi mu. Ɔsɛ sɛ mede bɛ nso ba na bebetie me nne, na ayɛ kuo baako a ɔwɔ hwɛfoɔ baako.

Gade chapit la Kopi




Yohane 10:16
48 Referans Kwoze  

Na hote sɛ nwane a bɛayera nso afei deɛ, hoasane abedi ho kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ he akyi.


na ɔnyɛ mane he nko, na mmom sɛnea ɔbɛyɛ na Nyankopɔn bɛka ne mma a bɛabɔ bɛ ahwete he abom ayɛ baako.


Bibiaa a Agya he de bɛma me he bɛba me nkyɛne, na nea ɔba me nkyɛne he, mempam no da,


Me nnwane te me nne. Menim bɛ, na bedi m’akyi.


“Mene dwanhwɛfoɔ pa he. Dwanhwɛfoɔ pa he de ne nkwa to hɔ ma nnwane he.


Hwɛ! Megyina pono he akyi ɔɔbɔ mu, sɛ bi te me nne na obie pono he a, mɛba mu na me ne no abedidi na ɔno nso ne me adidi.


Nna bi a atwam he, na honnyɛ Nyankopɔn nkurofoɔ, nso afei, hoyɛ ne nkurofoɔ; nna bi a atwam he na honnim Nyankopɔn mmɔborɔhunu he, nso sɛsei deɛ, hoanya ne mmɔborɔhunu he.


Na yɛ deɛ, ho nti ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase daa, anuanom a Nyankopɔn dɔ ho, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi ho kɔ nkwagyeɛ mu, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ yii ho kɔɔ nkwagyeɛ mu; ɔnam te a ɔde honhom he tee ho ho ne nɔkorɛ he mu gyidie ne gyee ho nkwa.


Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


Na afei ɔkaa sɛ, ‘Yɛ nananom Nyankopɔn ayi wo sɛ hu n’apɛdeɛ, na hu Teneneeni he na tie ɔno ankasa nne,


efiri sɛ, meka wo ho, na biaa ntumi mfa ne nsa nka wo nyɔ wo bɔne biaa, na mewɔ nnipa pii ya kuro yi mu.”


Simon aka sɛnea kane Nyankopɔn kɔhwɛɛ amanamane he, sɛ ooyi mane bi afiri bɛ mu ama ne dini.


Na asomdwie Nyankopɔn a ɔnam daa apam he mogyaa so, ayi nnwane he hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛ Awurade Yesu afiri awufoɔ mu he,


Nea ɔfa pono he ano ba mu he ne nwane he hwɛfoɔ.


Na sɛ Dwanhwɛfoɔ panyini he ba a, bɛbɛma ho animuonyam ahenkyɛ a ɔnnsɛe da.


Pono ano nwɛmfoɔ he bie no, na nnwane he tie ne nne. Na ɔbɔ ne nnwane he dini frɛ bɛ, na ɔde bɛ firi adi.


Sɛ ɔde ne deɛ nyinaa firi adi a, odi bɛ anim ma bedi n’akyi efiri sɛ benim ne nne.


Benni hɔhoɔ biaa akyi, na mmom bebedwane afiri ne nkyɛne efiri sɛ bennim ahɔhoɔ he nne.”


“Mensrɛ mma yeinom nkoaa, na mmom mesrɛ ma bɛ a bɛnam bɛ asɛm so bɛgye me adi nso


Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.


“Anaa baa hwane ne wɔ dwetɛbena du na sɛ dwetɛbena baako yera a, ɔnsɔ kanea mpra ne fie na ɔnhwehwɛ no yie nkosi sɛ obehu?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite