Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 1:44 - Apam Foforɔ

44 Na Filipo firi Bɛtesaida, kuro a Andrea ne Petro firi mu he.

Gade chapit la Kopi




Yohane 1:44
18 Referans Kwoze  

Nti yeinom baa Filipo a na ofiri Betsaida a ɔya Galilea he nkyɛne, na befirii aseɛ srɛɛ no sɛ, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.”


“Korasin due! Betsaida due! Efiri sɛ, sɛ bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no ho mu he, bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛasakra bɛ adwene afira ayitoma de nso apete bɛ tim de akyerɛ bɛ adwensakra dadaada.


“Korasin, due! Betsaida, due! Efiri sɛ ahoɔdenneɛ a bɛayɔ no ho mu yi, sɛ bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛsakra bɛ adwene ntɛm so firaa ayitoma de nsõ guguu bɛ tim.


Na berɛ a asomafoɔ he sane baeɛ he, bɛkaa nnoɔma a bɛayɔ he kyerɛɛ Yesu. Nti ɔne bɛ twee bɛ ho kɔhyɛɛ kokoam baabi, kuro bi a bɛfrɛ no Betsaida mu.


Na afie bɛbaa Betsaida. Na nnipa binom de nifirani braa no, na bɛsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.


Amonom hɔaa, ɔmaa n’asuafoɔ he tenaa kodoɔ he mu dii kane kɔɔ Betsaida fam hɔ baabi ya asuogya, na ɔmaa nkurofoɔ he kɔeɛ.


ne Andreo, ne Filipo, ne Bartolomeo, ne Mateo, ne Toma, ne Afeos ba Yakubu, ne Tadeo, ɔne Kanani Simon,


Filipo ne Bartolomeo; Toma ne Mateo a na ɔyɛ togyeni; Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo;


Na beduruu hɔ he, bɛforo kɔɔ abrosane so kowuraa dane bi a na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te mu he mu.


Bɛne Simon, a ɔsane frɛɛ no Petro, ne ne nua Andreo, ne Yakobo ne Yohane, ne Filipo ne Bartolomeo,


Adeɛ kyeeɛ he, Yesu yɔɔ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo, na ɔka kyerɛ no sɛ, “Di m’akyi.”


Filipo huu Natanael, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu nea Mose kaa ne ho asɛm ya mmara he mu na adiyifoɔ he nso kaa ne ho asɛm he, Yesu, Yosef ba a ofiri Nasaret he.”


Natanael kaa sɛ, “Nti, adepa bi betumi afiri Nasaret aba?” Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra bɛhwɛ.”


Natanael bisaa no sɛ, “Wonim me he?” Yesu buaa sɛ, “Mehuu wo sɛ woya borɔdoma dua he ase ansa na Filipo ɔɔfrɛ wo mpo.”


Afei Yesu maa n’ani so na ohuu sɛ nnipakuo kɛseɛ ɔɔba ne nkyɛne he, obisaa Filipo sɛ, “Hefa na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adi?”


Filipo buaa sɛ, “Paanoo a ne boɔ bɛyɛ paani bosome nsia akatua mpo ɔnso bɛ sɛ bɛ mu biaa benya bi adi.”


Filipo kɔka kyerɛɛ Andreo, na Andreo ne Filipo kɔka kyerɛɛ Yesu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite