Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 1:33 - Apam Foforɔ

33 Me deɛ na mennim no, nso nea ɔsomaa me maa mede nsuo bɔɔ asu he ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea wobehu sɛ Honhom he abesi ne so he, ɔno ne de Honhom Kronkron bɔ asu he.’

Gade chapit la Kopi




Yohane 1:33
16 Referans Kwoze  

sɛ, Yohane deɛ, ɔde nsuo ne bɔɔ asu, na ho deɛ, nna yi mu, ɔnkyɛre bɛbɛbɔ ho asu Honhom Kronkron mu.”


Yohane buaa bɛ sɛ, “Me deɛ, mede nsuo ne bɔ ho asu, na nea ɔwɔ tumi sene me ɔɔba a ne mpaboa ahoma mpo memfata sɛ mesane. Ɔno ankasa ne de Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu.


“Me deɛ mede nsuo ne bɔ asu kɔ adwensakram, na deɛ odi m’akyi ɔɔba he deɛ ɔkorɔn kyɛne me, na mensɛ mfata sɛ mekita ne mpaboa mpo. Ɔno ne nea ɔde Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu.


Na nea Nyankopɔn asoma no he ka Nyankopɔn asɛm, na Nyankopɔn nsusu Honhom ansa na ɔde ama.


Na Honhom baako mu ne bɛbɔɔ yɛ asu kɔɔ nnipadua baako mu, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo—na bɛmaa yɛ nyinaa nomm Honhom baako.


Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ wo sɛ, bɛamfa nsuo ne honhom anwo bi a ontumi nkɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


Me deɛ, na mennim no; nso mede nsuo bɛbɔɔ asu sɛ ɔbɛda no adi akyerɛ Israel.”


Nso ɔkaa yei faa Honhom a na bɛ a bɛbɛgye no adi he benya he ho, saa berɛ he na Honhom he nnya mmaeɛ, efiri sɛ na bennya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Na Kyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me dini mu he, ɔno ne bɛkyerɛkyerɛ ho nnoɔma nyinaa na ɔbɛkae ho nea maka akyerɛ ho nyinaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite