Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yakobo 4:4 - Apam Foforɔ

4 Ei awaresɛefoɔ! Honnim sɛ wiase yi adamfofa yɛ tane a bɛ tane Nyankopɔn anaa? Biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo yɛ Nyankopɔn tamfoɔ.

Gade chapit la Kopi




Yakobo 4:4
24 Referans Kwoze  

Saa nti adwene a osi honam nnoɔma so he tane Nyankopɔn; ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Nyankopɔn mmara ase, nɔkwasɛm ne sɛ ontumi nyɔ saa mpo,


Na afei, nnipa ne mepɛ sɛ bɛgye me tom anaa Nyankopɔn? Anaa mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani? Sɛ meda so hwehwɛ sɛ mɛsɔ nnipa ani a, hedeɛ, na menyɛ Kristo akoa.


Sɛ howɔ wiase afa a, wiase bɛdɔ ho sɛ ɔnoaa ne deɛ. Na esiane sɛ honni wiase afa, na mmom maayi ho afiri wiase nti, wiase tane ho.


“Akoa biaa ntumi nsom awuranom mmienu; efiri sɛ ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaa ɔde ne ho bɛbata baako na waabu baako animtia. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ.”


Mede w’asɛm ama bɛ, na wiase atane bɛ efiri sɛ bɛnyɛ wiase deɛ sɛnea me nso menyɛ wiase deɛ he.


Nyamesom a ho te na nkekaeɛ nni mu a Agya Nyankopɔn ani sɔ di: Sɛ bi bɛdwene nyanka ne akunafoɔ ho, bɛ ahohiahia mmerɛ mu, na ɔbɛte ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.


Na sɛ berɛ a yɛyɛ Nyankopɔn atamfoɔ he, bɛnam ne Ba he wuo so apata yɛ ne Nyankopɔn ntam a, ɔbɛyɛ dɛ ne bɛmfa ne nkwa so nnye yɛ.


Ho nneemmafoɔ a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ ne adwamammɔfoɔ bisa nsɛnkyerɛnne, nso nsɛnkyerɛnne biaa nni hɔ a bɛde bɛma ho sɛ Yona nsɛnkyerɛnne.” Na ogyaa bɛ hɔ kɔeɛ.


Wiase nni nnyinasoɔ biaa de tane ho, na me deɛ ɔtane me, efiri sɛ medi ne ho adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.


Bio nso, homfa m’atamfoɔ a bɛampɛ sɛ medi bɛ so hene he mmra ha na hommekuku bɛ m’anim.’ ”


Nso obuaa bɛ sɛ, “Nemmafoɔ ho yɛ nnebɔnyɛfoɔ ne awaresɛefoɔ a hobisa nsɛnkyerɛnne, nso nsɛnkyerɛnne biaa nni hɔ sɛ diyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnne.


Na afei nyansani ya he? Twerɛfoɔ ya he? Wiase yi kyinnyefoɔ nso ya he? Nti Nyankopɔn nnanee wiase nyansa nkwaseasɛm anaa?


Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite