Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yakobo 4:1 - Apam Foforɔ

1 Hefa ne kõ ne apereapereɛ a ɔya ho mu yi firi ba? Omfiri ho akɔnnɔ a ɔne honam akwaa di ako ya ho mu he?

Gade chapit la Kopi




Yakobo 4:1
24 Referans Kwoze  

Adɔfonom, mekasa kyerɛ ho sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a hoya wiase. Hontwe ho ho mfiri honam akɔnnɔ a ɔne kra he di asie he ho.


Na nea honam pɛ he ko tia Honhom he, na nea Honhom he nso pɛ he ko tia honam he; efiri sɛ saa nnoɔma he ko tia ne yɔnko, sɛ obesi ho kwane na hoanyɔ nea hopɛ.


nso mehu mmara foforɔ me honam akwaa mu a ɔne m’adwene mmara di asie, ɔma meyɔ bɔne a ɔya me nipadua mu he akoa.


Saa nti adwene a osi honam nnoɔma so he tane Nyankopɔn; ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Nyankopɔn mmara ase, nɔkwasɛm ne sɛ ontumi nyɔ saa mpo,


Na mmom bi akɔnnɔ ne gyegye no, daadaa no na ɔsɔ onii he hwɛ;


Sɛ hoyɛ asoɔmmerɛ mma yi, ɔnsɛ sɛ homma akɔnnɔ abrabɔ a odii ho so berɛ a na honnim Nyankopɔn he di ho so bio,


Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.


Nea odi kane he, ɔsɛ sɛ hote aseɛ sɛ, nna a odi akyire he mu he, afedifoɔ a bedi bɛaa bɛ honam akɔnnɔ akyi de fɛwdie bɛba,


Hobisa nso ho nsa nka, efiri sɛ hobisa no kwammɔne so, sɛdeɛ hode bedi ho honam akɔnnɔ ho dwuma.


Na bɛkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biaa nni so, na bɛnam honam akɔnnɔ ne ahohwie so to bɛ a afei ne bɛatete bɛ ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho he mmradɛ.


efiri sɛ, berɛ bi a atwam a na yɛ nso yennim nyansa, na yɛyɛ asoɔdenfoɔ, na yɛamane afiri kwane pa he so, na yɛyɛ nkoa ma akɔnnɔ ahodoɔ ne anigyedeɛ he, yɛde nitane ne ahoɔyeya ne bɔɔ yɛ bra, a na yɛ ho yɛ ahi, tentanee yɛ ho yɛ ho.


Twe wo ho firi akyinnye hunu, ananasɛm, akasakasaa ne ntɔkwa a ɔfa mmara he ho, efiri sɛ, mfasoɔ nni so na ɔyɛ nnoɔma hunu.


Berɛ a na yɛte honam mu he, mmara he yɛnee yɛ bɔne akɔnnɔ he, na ɔyɔɔ adwuma yɛ nnipadua mu maa yɛsoo aba maa wuo.


Na akoma mu ne adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamane, korɔnobɔ, adansekunumu ne dinsɛeɛ firi ba.


Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.


Na nkwasea-akyinnye a bɛmfa nsua hwee deɛ, nkɔ ho koraa, efiri sɛ, sɛnea wonim he, ɔde ntɔkwa ba.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite