Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yakobo 3:6 - Apam Foforɔ

6 Na kɛtrɛma te sɛ gya; ɔyɛ nipadua akwaa a ɔte sɛ kuro a amumuyɔ ahyɛ mu ma, efiri sɛ, ɔde nkekaeɛ ba nipadua he nyinaa ho, na ɔde gya to asetena kwane nyinaa mu, na amanehunu kuro he mu ne ɔsɔ gya he.

Gade chapit la Kopi




Yakobo 3:6
62 Referans Kwoze  

Adeɛ biaa nni hɔ a ɔkɔ nipa mu a otumi gu ne ho fi; ɔyɛ deɛ ofiri nipa mu ba mmom ne tumi gu ne ho fi.”


Nti ɔfrɛɛ no kaa sɛ, ‘Agya Abraham, hu me mmɔbɔ na soma Lasaro ma ɔmfa ne nsateaa ano mmɔ nsuom na ɔmfa mmɛdwodwo me kɛtrɛma, efiri sɛ me ho yera me gyaframa yi mu.’


Yei nti sɛ meba a, mede bibiaa a wayɔ he ho asɛm bɛto ho anim pefee, nsɛmmɔne a ɔka fa me ho nyinaa. Ɔmma no nso hɔaa, na mmom sɛ anuanom he ba a, ɔnnye bɛ, na bɛ a bɛpɛ sɛ bɛgye bɛ he nso, ɔbɔ mmɔdene sɛ obesi bɛ kwane na watu bɛ afiri asafo he mu.


Ɔnyɛ bɛ ne bɛka dini pa a bɛde frɛ ho he ho nsɛmmɔne he?


Na bɛmaa adansekunumufoɔ bɛkaa sɛ, “Beema yi nnyae nsɛm a ɔka tia kronkronbea yi ne Mmara he;


Petro bisaa sɛ, “Anania, ɛɛne nti ne Satan apirim w’akoma sɛ yi sika a wonyaeɛ firi asaase he tɔno he mu bi sie na bedi torɔ kyerɛ Honhom Kronkron?


Nso Farisifoɔ he teeɛ he, bɛkaa sɛ, “Yei deɛ ɔnyɛ hwee sɛ Beelsebul tumi ne beema yi de tutu ahonhommɔne.”


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.


Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.


Kanea hann onhyerɛn ya ho mu bio. Na bɛnnte ayefokunu ne ayeforɔ nne ya ho mu bio. W’adwadifoɔ yɛ wiase mu nnipa titire. Na bɛde wo ntafowayie adaadaa amane nyinaa.


Na ɔnam anwanwadeɛ a bɛmaa no ho kwane maa no yɔeɛ ya aboa a odi kane he anim he so daadaa nnipa a bɛte asaase so nyinaa. Aboa he ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa sɛ, bensi honyini mma aboa a bɛde nkrantɛ piraa no na nso n’apirakuro he awu na ɔte ase bio he.


Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.


Nea odi kane he, ɔsɛ sɛ hote aseɛ sɛ, nna a odi akyire he mu he, afedifoɔ a bedi bɛaa bɛ honam akɔnnɔ akyi de fɛwdie bɛba,


esiane sɛ bɛkyerɛkyerɛ nea onni ho kwane sɛ bɛkyerɛkyerɛ, de ɔɔpɛ mfasoɔ hunu de ɔɔdane anuanom adwene ani afiri nɔkorɛ he ho nti, ɔsɛ sɛ wosi bɛ kwane na bɛankyerɛkyerɛ.


Hoaa ho mu mmeema bɛsɔre akasa adane nɔkorɛ he de atwe asafo he adi bɛ akyi.


Na dasani tumi hyɛ ntɔteboa ne ntakraboa, mmoa a bɛwea ne bɛ a bɛya po mu nyinaa so. Nipa tumi yɔ yei nyinaa


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite