Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yakobo 3:13 - Apam Foforɔ

13 Ho mu hwane ne yɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa n’abrabɔ pa nkyerɛ sɛ ɔdwo, na ofiri nyansa mu ne yɔ ne nnwuma.

Gade chapit la Kopi




Yakobo 3:13
46 Referans Kwoze  

dwoɔ, ne anidahɔ. Mmara biaa nni hɔ a otia yeinom.


Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.


Nhyira ne bɛ a bɛdwo, efiri sɛ bɛ ne bebedi asaase he so.


Ɔnam sɛ, hoyɛ nnipa a Nyankopɔn ayi ho a hoyɛ kronkron na ɔdɔ ho nti, homfa mmɔborɔhunu, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ, dwoɔ ne ntoboaseɛ mmɔ ho bra.


Hommɔ bra pa ya amanamane mufoɔ a hofra bɛ mu he mu, na sɛ bɛka ho ho nsɛm sɛ hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ a, bɛahu ho papa a hoayɔ he nso nam so ahyɛ Nyankopɔn animuonyam, “nsrada” he.


bɛnnka biaa ho asɛmmɔne, bɛnnyɛ ntɔkwapɛfoɔ, ɔsɛ sɛ bɛ dwo na bɛde anidie ma nnipa biaa,


na ɔde dwoɔ tenetene bɛ a bɛ ne no nyɛ adwene asɛm mu, sɛ ebia Nyankopɔn bɛma bɛ adwensakra ahu nɔkorɛ he,


Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,


Na wo, Nyankopɔn nnipa deɛ, po yeinom nyinaa; hwehwɛ tenenee, nyamesom-pa, gyidie, dɔ, yokoduru ne dwoɔ akyi kwane.


Nso bi bɛka sɛ, “Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma.” Kyerɛ me wo gyidie a nwuma nka ho, na mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


Nti honto fi ne bɔne nyinaa ngu, na homfa ahobrɛaseɛ nye Nyankopɔn asɛm a bɛadua ne ho mu a obetumi agye ho kra nkwa he.


Mma biaa mmu wo babunuyɛ animtia, na mmom yɛ nhwɛsopa kasaa, nneyɔeɛ, dɔ, gyidie ne ahoteɛ mu.


Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,


Homfa me konnua nto ho ho so, na honsua me, efiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu, na hobenya homee ama ho kra.


Anuanom, hommpere ho ho nyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, efiri sɛ sɛnea honim he, bebebu yɛ a yɛyɛ akyerɛkyerɛfoɔ he atɛne a mu ɔdene;


ahobrɛaseɛ, dwoɔ, aboterɛ ne abodwokyɛre nyinaa mu, na honnodɔ ho ho ho ho.


Ɔsɛ sɛ biaa sɔ n’ankasa n’adwuma hwɛ. Na adwuma a biaa ayɔ he ne ɔde bɛhoahoa ne ho, na ɔnyɛ deɛ bi foforɔ ayɔ,


Anuanom, sɛ hohu sɛ bi afom a, ho a hoyɛ honhom mufoɔ he mfa akoma a ɔdwo mfa saa nipa he nsi yie. Honhwɛ ho ho yie sɛ ho nso bɛnnsɔ ho nhwɛ.


Nti honna ho dɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he nkyerɛ bɛ a bɛya asafo ahodoɔ he anim.


“Honka nkyerɛ Sion babaa, Hwɛ, wo hene ɔɔba wo nkyɛne, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba a ɔsoa nnoɔma so.”


na mmom homma ɔnyɛ akoma a hode dwoɔ ne honhom a ɔyɛ dinn asiesie no. Ɔno ne sɔ Nyankopɔn ani.


Meka yei de hyɛ wo aniwuo. Nti nyansani baako pɛ mpo nni ho mu a obetumi abu nua ne nua ntam atɛne anaa?


“Nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔyɔ bɛyɛ sɛ nyansani a osii ne dane abotane so.


Hommma sikaniberɛ mmma ho abrabɔ mu, na homma ho ani nsɔ deɛ ho wɔ; efiri sɛ waaka sɛ, “Mennyae ho na mempo ho.”


na mmom, ɔsɛ sɛ hoyɛ kronkron bibiaa a hoyɔ mu sɛnea Nyankopɔn a ɔfrɛɛ ho he yɛ kronkron he,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite