Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yakobo 3:1 - Apam Foforɔ

1 Anuanom, hommpere ho ho nyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, efiri sɛ sɛnea honim he, bebebu yɛ a yɛyɛ akyerɛkyerɛfoɔ he atɛne a mu ɔdene;

Gade chapit la Kopi




Yakobo 3:1
30 Referans Kwoze  

na pɛ sɛ bɛyɛ mmarakyerɛfoɔ, nso bɛnnte nsɛm a bɛka he ne nea bɛgye gyinam dendene he ase.


Honnhyɛ bɛ a bɛde bɛ ahyɛ ho nsa he so, na mmom honyɛ nhwɛso pa mma nnwankuo he.


Na Nyankopɔn de binom asi asafo he mu, deɛ odi kane, Asomafoɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɔtɔ so mmeɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; ansa na tumideɛyɔ, ansa na ayaresa akyɛdeɛ, mmoa ahodoɔ, akannie ahodoɔ, kasa hodoɔ.


“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.


Yei nti ne beyii me sɛ sɛnkafoɔ ne somafoɔ (meeka nɔkorɛ; menni torɔ), amanamane mufoɔ kyerɛkyerɛni gyidie ne nɔkorɛ mu.


Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


Na ɔsɛ sɛ yɛ nyinaa yɛkogyina Kristo atemmuo adwa he anim, na biaa anya n’akatua nea ɔde ne nnipadua yɔɔeɛ ho, sɛ ɔyɛ papa anaa bɔne.


Homfa buo ne ahobrɛaseɛ ma ho mpayimfoɔ, efiri sɛ bɛwɛne ho kra sɛ bɛ a bebu ho akonta. Homma bɛmfa anigye nyɔ na ɔnyɛ ahomeguo so, sɛ bɛde ahomeguo a, ɔnyɛ mfasoɔ biaa mma ho.


Nti defoɔ he frɛɛ n’akoa he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘mmɛ ne mete fa wo ho yi? Bebu wo fiehwɛ adwuma he ho akonta kyerɛ me, efiri sɛ wontumi nhwɛ fie he so bio.’


Saa asɛmpa yi nti ne bɛayi me sɛ sɛnkafoɔ ne somafoɔ ne kyerɛkyerɛfoɔ,


Yesu buaa sɛ, “Nti wo a woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ he, wonnim yeinom?”


“Suani nkyɛne ne kyerɛkyerɛni, saa ara nso ne akoa nkyɛne ne wura;


“Bio nso, hommu atɛne na bɛammu ho atɛne; na hommu fɔ na bɛammu ho fɔ. Homfa nkyɛ na bɛde akyɛ ho.


Berɛ a Farisifoɔ he huu yei he, bɛka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ho kyerɛkyerɛni yi ne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ didi yi?”


Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.


Me nuanom adɔfo, hommma bɛnnaadaa ho.


Anuanom adɔfo, honhu yei sɛ: Ɔsɛ sɛ nipa biaa yɔ krado wɛne n’aso tie asɛm; ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho kasa; saa nso ne ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho fa abufuo;


Ano korɔ heaa mu ne nhyira ne nnome firi ba. Me nuanom, ɔnsɛ sɛ ɔba saa.


[Ho atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ honnue! Hofa akunafoɔ nnoɔma na sɛdeɛ bebehu ho nti hobɔ mpaeɛ atentene; nti hobenya afobuo a mu oduru.]


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite