26 Sɛ bi dwene sɛ ɔyɛ nyamesomni, na woanto ne kɛtrɛma nnareka na mmom ɔdaadaa n’akoma a, na ne nyamesom he yɛ kwa.
Hommma nsɛmmɔne biaa mfiri ho anum mma, na mmom asɛm a ohia a obetumi ama bi anya nkɔsoɔ nkoaa ne honka, na ama bɛ a bɛte ho nsɛm he anya adom.
Na deɛ ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa he, ma no nyi ne kɛtrɛma mfiri bɔne mu, ne n’ano na anka nnaadaasɛm.
Na hommma aniwudeɛ, nsɛnhunu ɔne nsɛnkwaa a kasafi yam mfiri ho anum na mmom, homma nea ofiri ho anum nyɛ aseda.
Homma ho kasa ho mmara nyam daa a nkyene ya mu, na hoahu sɛdeɛ ɔsɛ sɛ hobua biaa.
Honyɛ asɛm he yɔfoɔ, na mmom honnyɛ atiefoɔ kɛkɛ, nnaadaa ho ho.
Anuanom adɔfo, honhu yei sɛ: Ɔsɛ sɛ nipa biaa yɔ krado wɛne n’aso tie asɛm; ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho kasa; saa nso ne ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho fa abufuo;
Nti, honhwɛ yie sɛnea hote asɛm he fa; na biaa a ɔwɔ he, bɛbɛma no pii, na nea onni he deɛ, nea osusuu sɛ ɔwɔ he mpo, bɛbɛgye afiri ne nsam.”
Na sɛ bɛ a benni mu bu bɛ ho sɛ bedi mu a, bɛdaada bɛ ho.
Na bɛ a nnipa bu bɛ sɛ akannifoɔ he (sɛnea bɛteɛ biaa nyɛ hwee mma me; Nyankopɔn nyɛ nyiyimu), mefam deɛ saa akannifoɔ he amfa bibi foforɔ biaa amma;
bɛsom me kwa, bɛkyerɛkyerɛ nipa ahyɛdeɛ sɛ nkyerɛkyerɛ pa.’
sɛ ho sɔ mu yie a, ɔno ne ɔnam so bɛgye ho nkwa— gye sɛ ebia hogye dii kwa deɛ.
bɛsom me kwa, bɛkyerɛkyerɛ nipa ahyɛdeɛ sɛ ɔyɛ nkyerɛkyerɛ pa.’ ”
Na afei, bebehu yɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn adansekunumufoɔ, efiri sɛ yedi Nyankopɔn ho adanseɛ sɛ ɔnyanee Kristo— sɛ awufoɔ anyane a, hedeɛ na wanyane no.
O! nipa hunu, nti wopɛ sɛ bi ne nna no adi nkyerɛ wo sɛ gyidie a nnwuma nka ho he awu anaa?
Nti hohuu saa amaneɛ yi kwa anaa? Mennye nni sɛ ɔte saa.
na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.
Biaa nnnaadaa ne ho. Sɛ bi susu sɛ ɔyɛ nyansafoɔ wiase yi mu a, ɔnyɛ sɛ kwasea na wayɛ nyansafoɔ ampa,