Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.
Yei nti yɛda Nyankopɔn ase daa, sɛ hogyee Nyankopɔn asɛmpa a hote firi yɛ hɔ he, hoannye no sɛ nipa asɛm, na mmom hogyee no sɛdeɛ ɔteɛ ankasa, Nyankopɔn asɛm mapa a ɔɔyɔ adwuma ho agyidifoɔ ho mu.
Na yeinom gyee asɛm he sene bɛ a bɛya Tesalonika he, efiri sɛ bɛde bɛ adwene nyinaa gyee asɛm he, na da biaa na bɛhwehwɛ twerɛsɛm he mu yie hwɛ sɛ nsɛm he te saa anaa.
Nti ntɛmaa na mesoma ma bɛbaa wo nkyɛne, na woabɔ mmɔdene sɛ woaba. Yei nti yɛ nyinaa ahyiam Nyankopɔn anim saa bere yi sɛ yeebetie nea Awurade ahyɛ wo sɛ ka nyinaa.”
Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?
Anuanom, honnnka nsɛmmɔne ntia ho ho. Nipa biaa a ɔka asɛmmɔne tia bi he anaa obu bi atɛne he, ɔka asɛmmɔne tia mmara he na obu mmara he atɛne; nso sɛ wobu mmara he atɛne a, wonyɛ mmara he sodifoɔ, na mmom, woyɛ temmufoɔ.
Ne nyinaa mu he, adɔfonom, honnka soro anaa asaase ntam, anaa ntam foforɔ biaa, na mmom, homma ho ɛɛ, nyɛ ɛɛ, na ho Daabi nso nyɛ daabi, na hoankɔ afobuom.