Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yakobo 1:18 - Apam Foforɔ

18 Ɔnam n’asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ so ne woo yɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔno ankasa ne pɛ bɛba mu, na yɛabɛyɛ sɛ n’abɔdeɛ mu aba a odi kane.

Gade chapit la Kopi




Yakobo 1:18
24 Referans Kwoze  

Na bɛamfiri aba a ɔporɔ mu, na mmom befiri nea ɔmporɔ mu, ɔne sɛ bɛnam Nyankopɔn asɛm a ɔte ase na ɔbɛtena hɔ he so ne awo bɛ foforɔ.


Yeinom yɛ mma a omfiri mogyaa anaa nea honam pɛ anaa nea beema pɛ so ne awo bɛ, na mmom Nyankopɔn pɛ so ne ɔnam a bɛawo bɛ.


Nhyira nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn; saa Nyankopon yi ne yɛ n’Agya nso. Esiane n’ahummɔborɔ pii nti, ɔnam nyane a onyanee Yesu Kristo firii wuo mu he so maa yɛ nkwa foforɔ. Yei ama yɛanya anidasoɔ a atim,


Yeinom ne nnipa a bɛamfa adwamammɔ angu bɛ ho fi, na bɛyɛ mmabunu. Baabiaa a Adwamaa he bɛkɔ he, na bedi n’akyi. Bɛagye bɛ nkwa afiri nnipa mu, na bɛne nnipa a bedi kane a bɛde bɛ ama Nyankopɔn ne Adwamaa he.


sɛnea ɔbɛyɛ a yɛ a yedii kane nyaa Kristo mu anidasoɔ he, yɛbɛtena ase ama n’ayeyie animuonyam.


Biaa a ɔyɛ Nyankopɔn ba he ntena bɔne mu, efiri sɛ, Nyankopɔn su ya ne mu na ɔnam sɛ Nyankopɔn awo no nti, ontumi ntena bɔne mu.


ne mmakane a bɛatwerɛ bɛ dini soro ahennie mu nhyiamu ase ne Nyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temufoɔ, ne ahoteefoɔ ahonhom a bɛayɛ no pɛ,


Nti honto fi ne bɔne nyinaa ngu, na homfa ahobrɛaseɛ nye Nyankopɔn asɛm a bɛadua ne ho mu a obetumi agye ho kra nkwa he.


Na mpo sɛ howɔ ahwɛfoɔ mpem du Kristo mu a, honni agyanom bebree. Nɔkorɛ, menam asɛmpa he so awo ho Kristo Yesu mu.


sɛnea bɛatwerɛ sɛ “Maayɔ wo amane bebree bɛ agya,” Nyankopɔn a ɔgye no di he anim, nea ɔma awufoɔ nkwa, na ɔfrɛ adeɛ a onni hɔ ma no ba.


nɔkorɛ asɛnka ne Nyankopɔn tumi a tenenee akodeɛ a ɔya yɛ nsa nifa ne benkum ka ho;


Na ho nso, berɛ a hotee nɔkorɛ asɛm he, ho nkwagyeɛ ho asɛmpa he, honyaa ne mu anidasoɔ. Ne muaa nso ne berɛ a hogyediiɛ he, bɛde Honhom Kronkron a bɛhyɛɛ ne ho bɔ he hyɛɛ ho nso;


Bɔ mmɔdene sɛ wobɛ sɔ Nyankopɔn ani na obehu wo sɛ dwumayɔni a n’ani nwu bibiaa ho, na ɔkyerɛ nɔkwasɛm mu pɛpɛɛpɛ.


na sɛ saa akɔnnɔ he nyinsɛne a, ɔwo bɔne, na sɛ bɔne he nso nyini a, ɔwo wuo.


Nso sɛ ahoɔyeya dendenndene ne pɛsɛmenkomenya ya ho akoma mu a, honnhoahoa ho ho na honnni torɔ ntia nɔkorɛ he nso.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite