Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yakobo 1:16 - Apam Foforɔ

16 Me nuanom adɔfo, hommma bɛnnaadaa ho.

Gade chapit la Kopi




Yakobo 1:16
22 Referans Kwoze  

Anuanom adɔfo, honhu yei sɛ: Ɔsɛ sɛ nipa biaa yɔ krado wɛne n’aso tie asɛm; ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho kasa; saa nso ne ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho fa abufuo;


Saa nti, m’adɔfoɔ, sɛnea hoyɔ setie ma me daa he, ɔnyɛ sɛ berɛ a meya ho nkyɛne nkoaa mu, na mmom seesei a menni ho nkyɛne titire he, homfa suro ne ahopopoɔ nyɔ hoaa ho nkwagyeɛ ho adwuma;


Honnnaadaa ho ho, Nyankopɔn bensi no atwetwe, efiri sɛ, nea hobedua heaa ne hobɛtwa.


Honhwɛ yie na biaa amfa nipa nyansa ne nnaadaa hunu a ɔnam nnipa nhyehyɛeɛ so, ne wiase ahonhom so ammɛfa ho nommum, efiri sɛ saa nnoɔma yi nyinaa mfiri Kristo,


Homma nuadɔ ntena hɔ daa.


Meeka yei na biaa amfa mmradɛtoɔ annaadaa ho.


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


a bɛamane afiri nɔkorɛ he ho ka sɛ wusɔreɛ he aba dada, na bɛnam so ɔɔdane binom gyidie abutu,


Saa nti, me nuanom a medɔ ho na m’ani agyina ho, m’anigyeɛ ne m’abotire, honnyina pintinn Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.


Honnim sɛ bɛ a bɛntene he, bennya Nyankopɔn ahennie he? Homma bɛnnaadaa ho! Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmeema a bɛbɔ ahuhubra, mmeema bɛ ne mmeema da,


Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn; hoamane koraa.”


Yesu bisaa bɛ sɛ, “Nea hooka yi te ne honte aseɛ yie. Honnim atwerɛ he, na honnim Nyankopɔn tumi nso;


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nea hooka yi, te ne honte aseɛ yie, efiri sɛ honnim atwerɛeɛ he anaa Nyankopɔn tumi.


Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,


Me nuanom, sɛ hohyia sɔhwɛ ahodoɔ biaa a, hommu no anigyeɛ,


Me nuanom a hoyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura he mu agyidifoɔ he, ɔnsɛ sɛ honyɔ nyinyimu.


Anuanom, mmɛ mfasoɔ ne ya so sɛ bi bɛka sɛ ɔwɔ gyidie na onni nnwuma? Saa nipa he gyidie betumi agye no nkwa anaa?


Anuanom, hommpere ho ho nyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, efiri sɛ sɛnea honim he, bebebu yɛ a yɛyɛ akyerɛkyerɛfoɔ he atɛne a mu ɔdene;


Ano korɔ heaa mu ne nhyira ne nnome firi ba. Me nuanom, ɔnsɛ sɛ ɔba saa.


Anuanom, honnnka nsɛmmɔne ntia ho ho. Nipa biaa a ɔka asɛmmɔne tia bi he anaa obu bi atɛne he, ɔka asɛmmɔne tia mmara he na obu mmara he atɛne; nso sɛ wobu mmara he atɛne a, wonyɛ mmara he sodifoɔ, na mmom, woyɛ temmufoɔ.


Ne nyinaa mu he, adɔfonom, honnka soro anaa asaase ntam, anaa ntam foforɔ biaa, na mmom, homma ho ɛɛ, nyɛ ɛɛ, na ho Daabi nso nyɛ daabi, na hoankɔ afobuom.


Anuanom, sɛ ho mu bi mmane firi nɔkorɛ he ho na foforɔ de no sane ba kwanpa he so a,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite