Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yakobo 1:12 - Apam Foforɔ

12 Nhyira ne nipa a ɔto ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ otumi gyina sɔhwɛ berɛ he mu a, obenya nkwa abotire a Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma bɛ a bɛdɔ no he.

Gade chapit la Kopi




Yakobo 1:12
49 Referans Kwoze  

Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Nsuro haw a ɔɔbɛto wo he. Tie, bɛde ho mu bi bɛto afiase na Bronsam nam so asɔ ho ahwɛ. Na ho haw he bedi dadu. Di nɔkorɛ ma me kosi wuo mu mpo, na mɛma wo nkwa abotire.


Nɔkwasɛm ne sɛ, yebu bɛ a behuu amane, too bɛ bo ase ya amanehunu mu he sɛ bɛwɔ anigyeɛ amapa. Hoate Hiob amanehunu mu boasetɔ ho asɛm, na hoahu Awurade botae, sɛdeɛ ɔyɛ ayamyefoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ he.


Yenim sɛ bɛ a bɛdɔ Nyankopɔn he, bɛ a ɔnam ne pɛ so afrɛ bɛ he, ɔfa adeɛ nyinaa so di boa bɛ ma no wie bɛ yie.


na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Na nea obegyina akosi awieeɛ he, ɔno ne bɛbɛgye no nkwa.


Agokansiefoɔ hyɛ bɛ ho so nnoɔma nyinaa mu; bɛyɔ saa de nya abotire deɛ ɔsɛe, na yɛdeɛ yebenya deɛ ɔnsɛe.


Na sɛ tenenee nti hohu amane mpo a, hoyɛ nhyira. Honnsuro nnipa, na hommma hwee nnha ho.


Afei nea aka a ɔsɛ sɛ me nsa ka ne tenenee abotire a Awurade, temufoɔ a ɔtene he de bɛma me Da he, ɔnyɛ me nko na mmom bɛ a bɛdɔ n’ahoyie nyinaa nso.


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


Na sɛ Dwanhwɛfoɔ panyini he ba a, bɛbɛma ho animuonyam ahenkyɛ a ɔnnsɛe da.


Nso sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Deɛ ani biaa nhuu da, anaa aso ntee da, na nnipa akoma nwenee ho, deɛ Nyankopɔn asiesie ama bɛ a bɛdɔ no,”


Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.


Na mmom, homma ho ani nnye sɛ ho ne Kristo oohu amane sɛnea ho ani bɛgye na ho adi ahurusie da a n’animuonyam bɛda adi he.


nso Nyankopɔn nim bɛ a bɛdɔ no.


Mekɔ so twe bɛ a medɔ bɛ he nyinaa aso. Nti bɔ mmɔdene na sakra w’adwene.


Nso honkae kane nna he a hohuu hann he, sɛ hode animia gyinaeɛ, kõ dendene amanehunu mu,


Nti Abraham de ntoboaseɛ twene saa he, bɔhyɛ he baa mu maa no.


Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


Gyidie nti ne Abraham, mmerɛ a bɛsɔɔ no hwɛeɛ he, ɔde Isak maeɛ. Ɔno a onyaa bɔhyɛ he yɔɔ krado sɛ ɔde ne ba koro he bɛbɔ afɔreɛ,


Yɛdɔ, efiri sɛ, Nyankopɔn ne dii kane dɔɔ yɛ.


Na ho werɛ afiri afutusɛm a bɛde maa ho ɔnam sɛ ho yɛ mma nti he anaa? Ɔne sɛ, “Me ba, mmu wo ani ngu Awurade asotwe so, anaa ɔtwe w’aso a mma waba mu mmu;


“Nhyira ne ho sɛ nnipa tane ho, na beyi ho firi nnipa mu, na bɛbɔ ho ahohora, na Nipa Ba he nti, bɛmmɔ ho dini nka asɛm te sɛnea ho dini yɛ akyiwadeɛ.


na yɔkoduru de subane pa ba, na subane pa de anidasoɔ ba,


Bɔ mmɔdene sɛ wobɛ sɔ Nyankopɔn ani na obehu wo sɛ dwumayɔni a n’ani nwu bibiaa ho, na ɔkyerɛ nɔkwasɛm mu pɛpɛɛpɛ.


Nhyira nka ho sɛ Kristo dini nti bɛya ho, efiri sɛ animuonyam honhom a ɔyɛ Nyankopɔn honhom he ya ho so.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite