Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Tito 3:8 - Apam Foforɔ

8 Ɔyɛ nɔkwasɛm paa. Na yeinom ne mehwɛ sɛ wohyɛ mu kena, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɛ a bɛabɛgye Nyankopɔn adi he bɛhwɛ yei sɛ bɛde bɛ ho bɛma nnwuma pa; yeinom ne yɛ paa na ɔyɛ mfasodeɛ ma nnipa.

Gade chapit la Kopi




Tito 3:8
26 Referans Kwoze  

Na ma yɛ nkurofoɔ nsua sɛ bebetu bɛ ho asi hɔ ama nnwuma pa na bɛde aboa nnoɔma a ohia paa, na bɛanyɛ nnipa a mfasoɔ nni bɛ so.


Ɔno ne de ne ho maeɛ ɔnam yɛ nti sɛ ɔbɛgye yɛ afiri amumuyɔ nyinaa mu na wate yɛ ho afa yɛ ayɛ ɔno ankasa ne nkurofoɔ a bɛbɔ mmɔdene nwuma pa mu.


Ɔsɛ sɛ okura asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ a ne nyinasoɔ ne nkyerɛkyerɛ pa he mu yie, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a obetumi de nkyerɛkyerɛ a odi mu atu fo na ɔde ayi bɛ a bɛkasa tia nɔkorɛ he atɛne nso.


Kae Kreta asafo he sɛ bɛmmerɛ bɛ ho ase nhyɛ bɛ a bedi bɛ so ne tumidie ahodoɔ ase, bɛnyɛ setie, nsiesie bɛ ho ma nnwuma pa nyinaa,


Ɔnam ne so ne hogyee Nyankopɔn a onyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam he diiɛ. Ɔnam so ama ho gyidie ne ho anidasoɔ atim Nyankopɔn mu.


Asɛm he yɛ nɔkorɛ, na ɔsɛ sɛ bɛgye tom sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔnyɛfoɔ a medi mu kane.


Nso bi a wannyɔ adwuma he gye nea obu debɔnyɛni bem he di a, obu saa gyidie he sɛ tenenee ma no.


Afei Yesu teaam dendene sɛ, “Deɛ ɔgye me di he, ɔnyɛ menko ne ɔgye me di, na mmom nea ɔsomaa me he nso.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, nea otie m’asɛm na ɔgye nea ɔsomaa me he di he wɔ daa nkwa, na ɔmma atemmuom, na mmom waafiri wuom aba nkwam.


(Mmerɛ bi a atwam he na ne so nni mfasoɔ ma wo, nso seesei deɛ, nɔkorɛ di, ne so aba mfasoɔ ama wo ɔne me).


Na sɛdeɛ yɛwɔ honhom mu gyidie korɔ sɛdeɛ atwerɛ he teɛ he, “Megye diiɛ, na ɔma mekasaeɛ,” yɛ nso yɛgye di na ɔma yɛkasa,


Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “W’adwene mu ka wo!” Nso ɔkɔɔ so kaa sɛ asɛm he yɛ nɔkorɛ. Na bɛkaa sɛ, “ɔyɛ Petro samane.”


Korɔmfoɔ nyae korɔno bɔ; na mmom ɔmmɔ mmɔdene mfa ne nsa nyɔ adwuma pa, na woanya bibi de ama ahiafoɔ.


Nti mepɛ sɛ, berɛ biaa a hobehyia asom he, mmeema mmɔ mpaeɛ, mma nsa kronkron so a abufuo ne akyinnye nnim;


ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.


ɔno nti ne mehu saa amaneɛ yi nso. Nso m’ani nwu ho, efiri sɛ menim nea maagye no adi, na menim sɛ obetumi akora nea mede ahyɛ ne nsa akosi Da he.


Na bibiaa mu he, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,


Na homma yɛnhwɛ sɛ yɛbɛkanyane yɛ ho yɛ ho na yɛadodɔ yɛ ho yɛ ho; na yɛmfa nnwuma pa nsom yɛ ho yɛ ho,


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Ho nso ho nkɔ bobe turo mu hɔ, na metua ho ka sɛdeɛ ɔsɛ.’ Nti bɛkɔeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite