Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Tito 3:1 - Apam Foforɔ

1 Kae Kreta asafo he sɛ bɛmmerɛ bɛ ho ase nhyɛ bɛ a bedi bɛ so ne tumidie ahodoɔ ase, bɛnyɛ setie, nsiesie bɛ ho ma nnwuma pa nyinaa,

Gade chapit la Kopi




Tito 3:1
29 Referans Kwoze  

Bebuaa sɛ, “Kaesare dea.” Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a, homfa deɛ ɔyɛ Kaesare deɛ mma Kaesare, na homfa deɛ ɔyɛ Nyankopɔn deɛ mma Nyankopɔn.”


mma ho nni mu nnoɔma nyinaa mu na hoayɔ nea ɔpɛ, deɛ ɔyɔ ho mu adwuma he mfa Yesu Kristo so, sɛdeɛ ɔsɔ n’ani. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


Na sɛ bi te ne ho firi yeinom ho a, ɔbɛyɛ nea bebu, na bɛate ho a, owura he de yɛ bibi a, ɔbɛyɛ yie, na bɛasiesie de ayɔ adwuma pa biaa.


Yei nti, meekae wo sɛ kanyane Nyankopɔn akyɛdeɛ a ɔnam me nsa a mede guu wo so ba wo mu he;


ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.


Ɔno ne de ne ho maeɛ ɔnam yɛ nti sɛ ɔbɛgye yɛ afiri amumuyɔ nyinaa mu na wate yɛ ho afa yɛ ayɛ ɔno ankasa ne nkurofoɔ a bɛbɔ mmɔdene nwuma pa mu.


Sɛ wode saa nkyerɛkyerɛ yi to anuanom anim a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a bɛatete wo gyidie nsɛm ne nkyerɛkyerɛ pa a woadi akyire he mu.


ahemfo ne nnipa a bɛwɔ diberɛ akɛseɛ nyinaa, na ama yɛabɔ ahobrɛaseɛ ne asomdwie bra, nyamesuro ne mudie nyinaa mu.


Nti anuanom adɔfoɔ, hontintim, honnhinhim, honkɔ so Awurade adwuma mu daa, efiri sɛ, honim sɛ, ho brɛ ɔnyɛ kwa Awurade mu.


Ne saa nti, daa mekaekae ho saa asɛm yi a honim na atim nɔkorɛ a hoagye adi he mu he.


Ɔyɛ nɔkwasɛm paa. Na yeinom ne mehwɛ sɛ wohyɛ mu kena, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɛ a bɛabɛgye Nyankopɔn adi he bɛhwɛ yei sɛ bɛde bɛ ho bɛma nnwuma pa; yeinom ne yɛ paa na ɔyɛ mfasodeɛ ma nnipa.


na hoabɔ bra a ɔfata Awurade, a ɔsɔ n’ani koraa, berɛ a hooso aba nnwuma pa nyinaa mu, na ho akɔ so anya Nyankopɔn ho nimdeɛ pii nso.


na tenenee aba a ɔnam Yesu Kristo so ba he ahyɛ ho ma ama Nyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.


Nti seesei yɛabɛyɛ abɔdeɛ a Nyankopɔn bɔɔ yɛ Kristo mu maa nnwuma pa a wasiesie ato hɔ dadaada sɛ yɛmma yɛ abrabɔ nyɛ saa he.


Ɔyɛ nɔkorɛ sɛ honim yei dada, nso mepɛ sɛ mekae ho adwene fa gyeɛ a Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraim asaase so prɛko na akyire yi he, ɔsɛee bɛ a bɛannye asɛm he anni he.


Na ma yɛ nkurofoɔ nsua sɛ bebetu bɛ ho asi hɔ ama nnwuma pa na bɛde aboa nnoɔma a ohia paa, na bɛanyɛ nnipa a mfasoɔ nni bɛ so.


Kɔ so kae bɛ saa nsɛm yi, na di bɛ adanseɛ Nyankopɔn anim, na bɛannye nsɛm ho akyinnye hunu a mfasoɔ nni so a ɔsɛe atiefoɔ adwene.


Nnipa a bɛte saa he ka sɛ benim Nyankopɔn, nso bɛde bɛ nneyɔeɛ po no. Bɛyɛ Nyankopɔn akyiwadeɛ, asoɔdenfoɔ, bɛnyɛ ma adwuma pa biaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite