Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Tito 2:5 - Apam Foforɔ

5 na bɛadwene adwene pa, ahyɛ bɛ ho so, ayɔ bɛ fie nnwuma yie; benya ayamyɛ, ahoteɛ mu, na bɛmmrɛbrɛ bɛ ho ase mma bɛ kununom, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a nnipa onya asɛmmɔne bi nka mfa Nyankopɔn asɛm he ho.

Gade chapit la Kopi




Tito 2:5
22 Referans Kwoze  

Ayerenom, hommrɛ ho ho ase mma ho kununom, Awurade mu; na saa ne Awurade ɔɔhwehwɛ.


ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.


Nti ho mu biaa nnɔ ne yerɛ sɛ ɔno ankasa ne ho, na yerɛ nya buo kɛseɛ ma ne kunu.


Na suani bi ya Yopa a bɛfrɛ no Tabita, a Helafoɔ ka no Doka. Na nnwuma pa ne adɔeɛ ahyɛ no ma.


Ma bɛ a bɛhyɛ nkoasom ase nhu bɛ wuranom sɛ bɛ sɛ anidie mapa, na amma bi ankasa antia Nyankopɔn dini ne nkyerɛkyerɛ he.


ɔsɛ sɛ mmaa mmua bɛ ano asafo he mu. Na benni ho kwane sɛ bɛkasa, mmom bɛmmerɛ bɛ ho ase, sɛdeɛ mmara he nso ka he.


Nso mepɛ sɛ hote aseɛ sɛ Kristo ne beema biaa ti, na baa ti ne ne kunu, na Nyankopɔn ne Kristo ti.


Saa nti ne bɛatwerɛ sɛ, “Wo nti bɛaka Nyankopɔn dini ho abususɛm Amanamane mu.”


Na Petro sɔre ne bɛ kɔeɛ. Na oduruu hɔ he, bɛde no kɔɔ dane he mu abrosane he so; na akunafoɔ he nyinaa de suu baa ne nkyɛne de ntaadeɛ nhyɛaseɛ ne ntaadeɛ ngugusoɔ a Doka yɔeɛ berɛ a ɔya bɛ nkyɛne he bebree kyerɛeɛ.


Nti hommma bɛmmu ho papayɔ sɛ ɔyɛ bɔne;


na bɛatete mmabaa ama bɛadɔ bɛ kununom ne bɛ mma,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite