Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Tito 1:8 - Apam Foforɔ

8 na mmom ɔsɛ sɛ asafo hwɛfoɔ yɛ bi a ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papayɔ, n’adwene mu da hɔ, ɔtene, ne ho te, na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.

Gade chapit la Kopi




Tito 1:8
17 Referans Kwoze  

Ɔsɛ sɛ asafo so hwɛfoɔ yɛ bi a onni dimmɔne biaa, ne yerɛ baako, n’ani da hɔ, ɔyɛ nyansafoɔ, ɔyɛ bi a biaa ma anidie, ɔpɛ ahɔhoyɛ, onim nkyerɛkyerɛ,


Na bibiaa mu he, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,


Nea ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn ne awo no. Biaa nni hɔ a ɔdɔ bi na ɔnnɔ saa nipa he ba nso.


Yenim sɛ yɛatwam afiri wuo mu aba nkwa mu, efiri sɛ, yɛdɔ anuanom. Nea onni dɔ he te wuo mu.


Na wo, Nyankopɔn nnipa deɛ, po yeinom nyinaa; hwehwɛ tenenee, nyamesom-pa, gyidie, dɔ, yokoduru ne dwoɔ akyi kwane.


Mma biaa mmu wo babunuyɛ animtia, na mmom yɛ nhwɛsopa kasaa, nneyɔeɛ, dɔ, gyidie ne ahoteɛ mu.


Hoyɛ adansefoɔ, na ne Nyankopɔn nso di adanseɛ sɛ, yɛyɛɛ yɛ ho kronkron ne ateneneefoɔ ne nnipa a bɛ ho nni asɛm maa ho agyidifoɔ.


nnipa a benni tema, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, nnipa a bɛnhyɛ bɛ akɔnnɔ so, nnipa a bɛyɛ werɛmfoɔ, nnipa a bɛmpɛ papa,


Nti dwane firi mmabunu berɛ mu akɔnnɔ ho na hwehwɛ tenenee, gyidie, dɔ ne asomdwie, wo ne bɛ a befiri akoma a mu te mu frɛ Awurade he.


Na afei na beema bi ya Yerusalem a bɛfrɛ no Simeon a na ɔyɛ nipa tenennee a nyamesuro ya ne mu a ɔɔtwɛne Israel awerɛkyekyerɛ, na Honhom Kronkron ya no so.


Afei berɛ a Paulo kaa tenenee, ahohyɛsoɔ ne atemmuo a ɔbɛba ho asɛm he, hu kaa Felike ma ɔkaa sɛ, “Firi m’anim ha kɔ, na sɛ menya berɛ a mɛsane asoma abɛfrɛ wo.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite