Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he.
Nso bibiaa a ho nte nkɔ kuro he mu. Saa ara ne bi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa odi atorɔ nkɔ mu. Bɛ a bɛatwerɛ bɛ dini ahyɛ Dwammaa he nkwa nwoma he mu he nkoaa na bɛbɛkɔ kuro he mu.
Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”
Yei kyerɛ sɛ mmara he nna hɔ mma teneneeni, na mmom ɔda hɔ mmaratofoɔ ne asoɔdenfoɔ, nea onsuro Nyankopɔn ne debɔnyɛni, nea ne ho nte ne kasafi-kafoɔ, bɛ a beku bɛ na anaa bɛ agya, awudifoɔ,
efiri sɛ, berɛ bi a atwam a na yɛ nso yennim nyansa, na yɛyɛ asoɔdenfoɔ, na yɛamane afiri kwane pa he so, na yɛyɛ nkoa ma akɔnnɔ ahodoɔ ne anigyedeɛ he, yɛde nitane ne ahoɔyeya ne bɔɔ yɛ bra, a na yɛ ho yɛ ahi, tentanee yɛ ho yɛ ho.