Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti
sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.
Nso nsɛm kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi ya wo mu a bedi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi. Saa Bileam he ne kyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ bɛ adwamammɔ, nam so ma bɛyɔɔ bɔne he.
Me mma nkumaa, awieeɛ he abɛne. Bɛka kyerɛɛ ho sɛ Kristo-kotiafoɔ he bɛba, nso seesei, nnipa bebree aba a bɛko tia Kristo. Yei nti yɛahu sɛ ampa awieeɛ he abɛne.
kyerɛkyerɛ bɛ sɛ ɔnsɛ sɛ bɛsɛe bɛ mmerɛ anansesɛm ne anatoɔ a onni awieeɛ a ɔde tekakyerɛ ba he ho; na saa nnoɔma yi mfa honhom mu nteteɛ a ofiri gyidie mu mma.
Yei kyerɛ sɛ mmara he nna hɔ mma teneneeni, na mmom ɔda hɔ mmaratofoɔ ne asoɔdenfoɔ, nea onsuro Nyankopɔn ne debɔnyɛni, nea ne ho nte ne kasafi-kafoɔ, bɛ a beku bɛ na anaa bɛ agya, awudifoɔ,