Saa dɔno heaa mu he, anigye hyɛɛ Yesu mã Honhom Kronkron mu, na ɔkaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ, efiri sɛ yeinom ahinta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa. Ɔyɛ ampa, Agya, efiri sɛ ɔyɛ wo pɛ sɛ ɔba saa.
Ɔnam adiyie bi so nti ne mekɔeɛ. Na mede asɛmpa a meka no Amanamane mufoɔ mu he too bɛ anim (mmom ɔyɛ mpanyimfoɔ a bɛagye bɛ atom he ne me ne bɛ yɔɔ kokoam nhyiamu), sɛnea ɔbɛyɛ a mirika a meetu, anaa nea metuiɛ he, ɔnyɛ kwa.