Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 8:7 - Apam Foforɔ

7 Saa nti adwene a osi honam nnoɔma so he tane Nyankopɔn; ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Nyankopɔn mmara ase, nɔkwasɛm ne sɛ ontumi nyɔ saa mpo,

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 8:7
28 Referans Kwoze  

Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.


Ei awaresɛefoɔ! Honnim sɛ wiase yi adamfofa yɛ tane a bɛ tane Nyankopɔn anaa? Biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo yɛ Nyankopɔn tamfoɔ.


Na m’ani gye Nyankopɔn mmara a ɔte me mu he ho,


Apam a me ne Israel fie bɛpam di, Awurade dɛ nna he akyi he: Mede me mmara bɛhyɛ bɛ adwenem, na matwerɛ no bɛ akoma so, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛ yɛ me mane.


afatwafoɔ, akakabenfoɔ, nnipa a bɛyɛ ahomasoɔ kɛseɛ, nnipa a bɛdɔ anigyedeɛ sene Nyankopɔn;


Na ho a kane he na hoyɛ atuatefoɔ ne atamfoɔ adwene fam ne nwuma bɔne mu he,


sɛnea ɔbɛyɛ a nnepa a mmara he hwehwɛ sɛ yɛyɔ he bɛba mu, ya yɛ a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnante Honhom fam he abrabɔ mu;


Na sɛ berɛ a yɛyɛ Nyankopɔn atamfoɔ he, bɛnam ne Ba he wuo so apata yɛ ne Nyankopɔn ntam a, ɔbɛyɛ dɛ ne bɛmfa ne nkwa so nnye yɛ.


Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa.


Wiase nni nnyinasoɔ biaa de tane ho, na me deɛ ɔtane me, efiri sɛ medi ne ho adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.


Ɔsɛ sɛ yɛde saa gyidie he tu mmara he gu anaa? Daabi da! Na mmom, yɛma mmara he ase tim.


nantitwitwafoɔ, Nyankopɔn atamfoɔ, akwadwofoɔ, basabasayɔfoɔ, ahohoahoafoɔ, bɔnepɛfoɔ, awofoɔ so atuatefoɔ,


Nankatia mma! Ɔbɛ yɛ dɛ na hoaka nsɛm pa, berɛ a hoyɛ abɔnefoɔ? Nea abu so akoma mu he ne ano ka.


Bɛwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no ma a ontumi nkwati bɔne. Bɛdaadaa nnipa a bɛyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Bɛwɔ akoma a anibereɛ ahyɛ no ma. Bɛyɛ nnomee mma.


Ne saa nti, nipa biaa a obebu mmara nsɛm ketewa baako mpo so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ binom ama bɛayɔ saa he, ɔbɛyɛ ketewa soro ahennie mu; nso deɛ odi so na ɔkyerɛkyerɛ ma nnipa di so he ɔbɛyɛ kɛseɛ soro ahennie mu.


Bɛ a benni mmara he meyɛɛ me ho sɛ menni mmara he ase maa bɛ (ɔnyɛ sɛ menni mmara Nyankopɔn anim, nɔkwasɛm ne sɛ, mehyɛ Kristo mmara ase) sɛdeɛ ɔbɛyɔ a mɛgye bɛ a benni mmara he.


Hommma bi mfa kramane ahobrɛaseɛ ne abɔfosom so mma nkunimboɔ he mmɔ ho, nea ɔnam anisoadehunu kwa ne honam nsusuiɛ hunu so yɛ ahomasoɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite