Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 8:19 - Apam Foforɔ

19 Na abɔdeɛ he de anigyina ɔɔtwɛne Nyankopɔn mma ahoyie dendenndene;

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 8:19
26 Referans Kwoze  

Me nuanom, seesei yɛyɛ ne mma nso nea daakye yɛbɛyɛ he nya nnaa adi. Nso yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, efiri sɛ, yebehu no sɛnea ɔteɛ ankasa.


na ɔnyɛ abɔdeɛ he nkoaa, na mmom yɛ nso a yɛanya aba a odi kane a ɔno ne Honhom he, yesi apinie yɛ mu dendenndene berɛ a yɛɛtwɛne sɛ bɛbɛgye yɛ ayɛ mma he, gyeɛ a bɛnam agyedeɛ so bɛgye yɛ afiri yɛ nnipadua mu he.


M’ani da so paa sɛ, m’anim ongu ase kwane biaa so, na mmom sɛ mede akokoɔduro nyinaa ɔɔkasa yi, bɛbɛma Kristo so seesei sɛnea bɛama ne so daa me nipadua mu, sɛ ɔnam nkwa so anaa ɔnam wuo so.


a ɔsɛ sɛ ɔtena soro kosi berɛ a bebesiesie nnoɔma nyinaa sɛnea Nyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron he so firi teteete aka he.


Nhyira ne bɛ a bɛhwehwɛ asomdwie, efiri sɛ bɛ ne bɛbɛfrɛ bɛ Nyankopɔn mma.


Na dodoɔ a bɛgyee no he―meekyerɛ, bɛ a bɛgyee no dini diiɛ he―ɔmaa bɛ akwannya sɛ bɛnyɛ Nyankopɔn mma.


Na dodoɔ a Nyankopɔn Honhom kyerɛ bɛ kwane he, bɛ ne bɛyɛ Nyankopɔn mma;


Na ɔyɛ saa Honhom he ankasa ne yɛ honhom ne di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma,


Menim sɛ yentumi mfa wiase yi mu amanehunu ntoto animuonyam a bɛde bɛhyɛ yɛ daakye wiase he mu he ho.


“Na baabi a bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Honnyɛ me nkurofoɔ,’ he hɔaa nso ne bɛbɛfrɛ bɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he mma.”


na amma adom akyɛdeɛ biaa ammɔ ho berɛ a hootwɛne yɛ Awurade Yesu Kristo adiyie he dendenndene yi.


Ɔno Nyankopɔn ankasa nso bɛhyɛ ho dene akosi awieeɛ, na ho ho amma asɛm Awurade Yesu Kristo da he.


na mɛyɛ ho agya, na hobɛyɛ me mma, Awurade Tumfoɔ ne aka.


efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.


Sɛ Kristo a ɔyɛ yɛ nkwa he yi ne ho adi a, bebeyi ho ne no nso adi animuonyam mu.


Saa asɛm a ɔka sɛ, “Mɛwoso no bio”, he kyerɛ sɛ obeyi nnoɔma a ɔwosoeɛ he afiri hɔ, ɔne sɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a deɛ bentumi nwoso he bɛtena hɔ daa.


na ama bɛahu sɛ ho gyidie he yɛ kann, na ɔsombo kyɛne sikakɔkɔɔ mpo. Sikakɔkɔɔ a betumi sɛe no he mpo, bɛde gya sɔ hwɛ, nti ho gyidie a ɔsom bo kyɛne sikakɔkɔɔ he, ɔsɛ sɛ bɛsɔ hwɛ hu sɛ, obetumi agyina anaa. Ɔno akyi ansa na da a Yesu Kristo bɛba he, hoanya animuonyam.


Nti honsi ho adwene pi, na homma ho ani nna hɔ. Honnyina yie, na homma ho ani nna adom a bɛde bɛma ho Yesu Kristo ba a ɔbɛba he mu he so.


Honhwɛ dɔ mmorosoɔ a Agya he de adɔ yɛ, sɛ bɛmfrɛ yɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ ne mma nso. Deɛ nti a wiase nnim yɛ he ne sɛ onnim no.


Biaa a obedi nkunim he benya yei afiri me nkyɛne. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite