18 Menim sɛ yentumi mfa wiase yi mu amanehunu ntoto animuonyam a bɛde bɛhyɛ yɛ daakye wiase he mu he ho.
Na mmom, homma ho ani nnye sɛ ho ne Kristo oohu amane sɛnea ho ani bɛgye na ho adi ahurusie da a n’animuonyam bɛda adi he.
Sɛ Kristo a ɔyɛ yɛ nkwa he yi ne ho adi a, bebeyi ho ne no nso adi animuonyam mu.
Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.
Me nuanom, seesei yɛyɛ ne mma nso nea daakye yɛbɛyɛ he nya nnaa adi. Nso yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, efiri sɛ, yebehu no sɛnea ɔteɛ ankasa.
Nti honsi ho adwene pi, na homma ho ani nna hɔ. Honnyina yie, na homma ho ani nna adom a bɛde bɛma ho Yesu Kristo ba a ɔbɛba he mu he so.
Yei nti ne ɔnam yɛ asɛmpa he so afrɛ ho aba, na hoanya yɛ Awurade Yesu Kristo animuonyam.
Me a meyɛ asafo panyini he, metu asafo he mu mpanyimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu he ho dansefoɔ nti n’animuonyam a ɔbɛba he bɛka me.
Nnanom nsa kaa bɛ awufoɔ a bɛasɔre. Bɛyɛɛ bebree ayakayakadeɛ, nso bɛampene sɛ bɛbɛgye bɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bebenya wusɔreɛ a odi mu.
Na abɔdeɛ he de anigyina ɔɔtwɛne Nyankopɔn mma ahoyie dendenndene;
mmerɛ a yɛɛtwɛne yɛ Nyankopɔn kɛseɛ ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.