Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Romafoɔ 7:22 - Apam Foforɔ

22 Na m’ani gye Nyankopɔn mmara a ɔte me mu he ho,

Gade chapit la Kopi




Romafoɔ 7:22
27 Referans Kwoze  

Apam a me ne Israel fie bɛpam di, Awurade dɛ nna he akyi he: Mede me mmara bɛhyɛ bɛ adwenem, na matwerɛ no bɛ akoma so, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛ yɛ me mane.


Nti yɛ akoma ntu, ɔyam sɛ yɛ nipadua he ɔɔsɛe deɛ, nso yɛ honhom he yɛ foforɔ da biaa.


Mebɔ mpaeɛ sɛ, sɛnea n’ahonya animuonyam teɛ sɛ ɔbɛma ho mu nipadua a ahinta he ase atim tumi a ɔnam ne Honhom so he mu,


na mmom homma ɔnyɛ akoma a hode dwoɔ ne honhom a ɔyɛ dinn asiesie no. Ɔno ne sɔ Nyankopɔn ani.


Saa nti adwene a osi honam nnoɔma so he tane Nyankopɔn; ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Nyankopɔn mmara ase, nɔkwasɛm ne sɛ ontumi nyɔ saa mpo,


Honntwa atorɔ nkyerɛ ho ho, berɛ a hoayi kane nipadua he ɔne ne nneyɔeɛ agu


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.


na mmom, sɛ bi yɛ Yudani mapa a, ɔyɛ no ne mu, na twetiatwa ankasa yɛ akoma mu asɛm; ɔyɛ honhom mu adeɛ, na mmom ɔnyɛ honam mu adeɛ. Nea ɔyɛ Yudani mapa he, n’ayeyie firi Nyankopɔn hɔ, na mmom ommfiri nnipa hɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite